Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yakob Ani Sɔɔ Honhom Fam Nneɛma Pa

Yakob Ani Sɔɔ Honhom Fam Nneɛma Pa

Yakob Ani Sɔɔ Honhom Fam Nneɛma Pa

YAKOB hyia nitan ne amanehunu pii wɔ n’asetra mu. N’ata no abufuw a na ama esum aba ne tirim no nti, na ɛsɛ sɛ Yakob guan de pere ne nkwa. Sɛ́ anka obenya ababaa a ɔdɔ no no aware no, wɔdaadaa no ma odi kan ware obi foforo na ɛkowie no ɔyerenom baanan aware ma ɛde ɔhaw pii ba. (Genesis 30:1-13) Ɔde mfirihyia 20 yɛ adwuma ma ɔbarima bi, na ɔbarima no sisi no. Ɔne ɔbɔfo bi tentam ma odi dɛm. Wɔto ne babaa mmonnaa, ne mmabarima kokunkum nnipa pii, na osu ne babarima ne ne yere a ɔpɛ wɔn asɛm yiye a wahwere wɔn yayaaya no. Aduankɔm ma otu kɔ ɔman foforo so wɔ ne nkwakoraa bere mu, na ogye tom sɛ ne nkwa mu nna “yɛ kakraa bi ne amane nko.” (Genesis 47:9) Ne nyinaa akyi no, Yakob yɛ honhom muni a ɔde ne ho to Onyankopɔn so. N’ahotoso yi yɛ ɔkwa? Asuade bɛn na yebetumi anya afi Yakob suahu ahorow no kakraa bi a yebesusuw ho no mu?

Ɔda Nsow Koraa Wɔ Ne Nuabarima Ho

Yakob ne ne nua ntam ntoto no ase ara ne sɛ na Yakob ani sɔ honhom fam nneɛma a ɛsom bo, na Esau de ɔmfa nyɛ hwee. Ná Yakob ani ku apam ho bɔ a wɔhyɛɛ Abraham no ho na ofi ahofama mu hwɛɛ abusua a Onyankopɔn paw wɔn sɛ apam no adedifo no. Enti Yehowa “dɔɔ” no. Ná Yakob “ho nni asɛm,” kyerɛ sɛ, ɔbɔ ɔbra pa a ɛkyɛn so. Nea ɛbɔ ɛno abira no, Esau ammu ne honhom fam agyapade no koraa ma enti ɔtɔn maa Yakob de gyee ade ketewaa bi. Bere a Onyankopɔn penee Yakob so maa okogyee ne fam de sɛ abakan na onyaa nhyira a anka wɔde rema ne nua no, Esau bo fuwii a na ɔrepɛ no akum no. Enti Yakob gyaw nea ɔpɛ nyinaa hɔ, nanso nea ɛtoaa so bae no hyɛɛ no den.—Malaki 1:2, 3; Genesis 25:27-34; 27:1-45.

Onyankopɔn maa Yakob huu abɔfo a wɔredi antweri bi so aforosian wɔ ɔsoro ne asase ntam wɔ dae mu na Onyankopɔn kae sɛ ɔbɛbɔ Yakob ne n’asefo ho ban. “Wo ne w’asefo mu na wobehyira wiase mmusuakuw nyinaa. Na hwɛ, medi w’akyi, na mahwɛ wo so baabiara a wobɛkɔ, na mama woasan aba asase yi so, na merennyaw wo de bɛkɔ akosi sɛ mɛma nea maka makyerɛ wo yi aba mu.”—Genesis 28:10-15.

Sɛnea ɛyɛ akomatɔyam fa! Yehowa sii so dua sɛ ɛbɔ a ɔhyehyɛɛ Abraham ne Isak no bɛma Yakob abusua no anya wɔn ho honhom fam. Wɔmaa Yakob hui sɛ abɔfo tumi som wɔn a Onyankopɔn pene wɔn so no, na wɔmaa no awerɛhyem sɛ Onyankopɔn bɛbɔ ne ho ban. Yakob fi anisɔ mu huu eyi ma enti ɔhyɛɛ bɔ sɛ obedi Yehowa nokware.—Genesis 28:16-22.

Yakob antwitwa Esau nantin annye n’agyapade wɔ ɔkwan biara so. Ansa na wɔrewo mmarimaa no, Yehowa kae sɛ ‘ɔpanyin no bɛsom akumaa no.’ (Genesis 25:23) Ebia obi bebisa sɛ, ‘Sɛ Onyankopɔn ma wɔwoo Yakob kan a, anka tebea no renyɛ mmerɛw?’ Nea esii akyiri yi no kyerɛkyerɛ yɛn nokwasɛm atitiriw bi. Onyankopɔn mfa ne nhyira nto hɔ ntwɛn wɔn a wɔte nka sɛ ne nhyira fata wɔn na mmom ɔdom wɔn a ɔpɛ. Enti hokwan sɛ abakan no kɔɔ Yakob hɔ na ankɔ ne nua panyin a wammu no hɔ. Saa ara na, esiane sɛ na honam fam Yuda man no suban te sɛ Esau nti, wɔde honhom fam Israel sii wɔn ananmu. (Romafo 9:6-16, 24) Ɛnnɛ abusuabɔ pa a obi ne Yehowa benya no mma kwa, ɛmfa ho sɛ wɔwoo onii no too abusua anaa nnipa bi a wosuro Onyankopɔn mu no. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔpɛ Onyankopɔn hɔ nhyira nyinaa bɔ mmɔden bɔ bra pa, kyerɛ ampa sɛ wɔn ani sɔ honhom fam nneɛma.

Laban Gyee No

Yakob duu Padan-aram a ɔrekɔhwehwɛ ɔyere wɔ n’abusuafo mu no, ohyiaa ne wɔfa Laban babaa Rahel wɔ abura bi ho, na opiaa ɔbo duruduru bi fii asubura no ano maa mmoa a na Rahel rehwɛ wɔn no nsu. * Rahel bɔɔ hwii kɔɔ fie kɔbɔɔ amanneɛ, na Laban yɛɛ ntɛm kohyiaa Yakob. Sɛ na Laban resusuw ahonyade a n’abusua nya fii Abraham akoa hɔ no ho a, ɛnde ne nsa sii fam, efisɛ Yakob baa no nsapan. Nanso ɛda adi sɛ Laban huu no sɛ odwumayɛni mmɔdenbɔfo bi a obetumi adidi ne ho.—Genesis 28:1-5; 29:1-14.

Yakob bɔɔ n’amanneɛ. Yentumi nhu sɛ ebia ɔkaa anifere kwan a ɔfaa so nyaa hokwan sɛ abakan no, nanso Laban tee “nsɛm yi nyinaa” no, ɔkae sɛ: “Ampa, woyɛ me nnompe ne me honam.” Nhomanimfo bi kae sɛ saa asɛm yi betumi akyerɛ sɛ na Laban fi ɔdɔ mu reto nsa afrɛ Yakob sɛ ɔntra hɔ anaasɛ ɔregye atom sɛ ɔyɛ ne busuani nti ɛsɛ sɛ ɔbɔ ne ho ban. Sɛnea ɛte biara no, ankyɛ na Laban de n’adwene buu ɔkwan a ɔbɛfa so adidi ne wɔfase yi ho.

Laban de nhyehyɛe bi too gua a na ɛde akameakame bɛba wɔn ntam mfe 20 a edi hɔ no mu. Obisae sɛ: “Sɛ woyɛ me nua nti, wobɛsom me kwa anaa? Kyerɛ me nea ɛnyɛ w’akatua.” Ɛwom sɛ Laban yɛɛ ne ho sɛ wɔfa yamyefo de, nanso ɔdanee abusua a ɔne Yakob bɔ no ma ɛbɛyɛɛ adwumayɛ nhyehyɛe. Esiane sɛ na Yakob dɔ Rahel nti, obuae sɛ: “Wo ba akumaa Rahel nti mɛsom wo mfe ason.”—Genesis 29:15-20.

Na wɔnam ti ade a wotua ma ayeforo no abusuafo so na wɔware. Akyiri yi Mose Mmara no hyɛe sɛ dwetɛ nnwetɛbona 50 na wontua wɔ mmaabun a wɔabrɛ wɔn ase ho. Nhomanimfo Gordon Wenham gye di sɛ na eyi yɛ “ti ade a ɛsõ koraa” nanso na dodow no ara “ba fam koraa.” (Deuteronomium 22:28, 29) Na Yakob rentumi ntua ti ade no. Ɔka kyerɛɛ Laban sɛ ɔbɛsom no mfe ason mmom. Wenham toa so sɛ: “Esiane sɛ tete Babylon bere so na wotua adwumayɛfo dwetɛbona fã kosi dwetɛbona biako bosome biara” (efi nnwetɛbona 42 kosi 84 wɔ mfe ason mu) “nti, na Yakob rema Laban ti ade a emu yɛ duru paa de agye Rahel aware.” Ɛhɔ ara na Laban gye toom.—Genesis 29:19.

Mfe ason yɛɛ Yakob ani so sɛ “nna mfuamfua bi” esiane ɔdɔ a na ɔdɔ Rahel nti. Ɛno akyi no, ɔkɔfaa n’ayeforo a wɔakata n’anim no, a n’ani nna sɛ Laban redaadaa no. Susuw sɛnea ne ho dwiriw no kɛse bere a ade kyee na ohui sɛ ɛnyɛ ɔne Rahel na ɛdae na mmom ɔne Rahel nuabaa Lea na ɛdae no ho hwɛ! Yakob bisae sɛ: “Ɛdɛn na woayɛ me yi? Ɛnyɛ Rahel nti na mesom wo? Na ɛdɛn nti na woasisi me yi?” Laban buae sɛ: “Yɛn ha de, wɔnyɛ no saa, wɔmma akumaa nware ansa na wɔde abakan ama. Di ne nkyɛn nnawɔtwe yi, na yɛde oyi nso bɛma wo, ɔsom a wobɛsom me mfe ason bio ho.” (Genesis 29:20-27) Esiane sɛ na Yakob atɔ afiri mu a onni boafo nti, na sɛ ɔpɛ Rahel a, nea na obetumi ayɛ ara ne sɛ ogye saa nhyehyɛe no tom.

Mfe ason a edi hɔ no anyɛ sɛ nea edi kan no ma enti na emu yɛ yaw kɛse. Na Yakob bɛyɛ dɛn abu n’ani agu Laban atirimmɔden nnaadaa no so? Na Lea a ɔboaa Laban ma ɔdaadaa no no nso ɛ? Nokwarem no, na ntawntawdi a Laban bɛma aba Lea ne Rahel ntam daakye no ho asɛm nhia no koraa. Nea obenya nko ara na na ehia no. Bere a Lea woo mmabarima baanan toatoaa so ntɛmntɛm no, Rahel a na onnya nwoe a wanya ne nua no ho menasepɔw no, twee ne ho ninkunu nso. Afei Rahel a n’ani abere rehwehwɛ mma no de n’abaawa mae sɛ ɔnwo mma no, na esiane koratwe nti Lea nso yɛɛ saa ara. Yakob na wabenya ɔyerenom 4 ne mma 12 nanso anigye biara nni n’abusua no mu yi. Nanso na Yehowa rema Yakob abɛyɛ ɔman kɛse.—Genesis 29:28–30:24.

Yehowa Maa Onyaa Ne Ho

Sɔhwɛ nyinaa akyi no, Yakob hui sɛ Onyankopɔn ka ne ho, sɛnea ɔhyɛɛ no bɔ no. Laban nso huu saa efisɛ mmoa kakraa bi a na ɔwɔ bere a Yakob bae no bɛyɛɛ bebree wɔ ne wɔfase no nsam. Na Laban mpɛ sɛ ɔbɛma Yakob akɔ, enti ɔde hokwan maa no sɛ ɔnkyerɛ akatua a sɛ ɔkɔ so som no a obegye, na ɛhɔ na Yakob bisaa mmoa a wɔn ahosu yɛ soronko a wɔbɛwo wɔn Laban nguankuw mu no. Wɔkyerɛ sɛ wɔ saa mantam no mu no, na nguan ho taa yɛ fitaa, na mmirekyi ho yɛ tuntum; wɔn mu kakraa bi pɛ na na wɔn ho yɛ nsisimu. Enti Laban penee so ntɛm a na n’adwene ne sɛ wanya no yiye, na ɔde ahoɔhare faa ne mmoa a wɔn ho yɛ nsensanee ne nsisimu nyinaa kɔɔ akyirikyiri baabi sɛnea ɛbɛyɛ a wɔne nguankuw a aka Yakob nsam no nhyia wɔ baabiara. Ɛda adi sɛ na ogye di sɛ Yakob rennya mfaso papa biara mfi saa nhyehyɛe no mu, ná ɛrennu mmirekyi mma ne nguammaa a wɔwo wɔn foforo ɔha biara mu nkyem 20 a na wɔtaa de tua tete nguanhwɛfo ka no. Nanso na Laban redi mfomso, efisɛ na Yehowa wɔ Yakob afã.—Genesis 30:25-36.

Wɔ Onyankopɔn akwankyerɛ ase no, Yakob yɛnee mmoa a wɔn ho yɛ den a wɔn ahosu te sɛ nea ɔpɛ no. (Genesis 30:37-42) Na ne nimdeɛ wɔ mmoayɛn ho no nni mu. Nanso nhomanimfo Nahum Sarna kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Nyansahu kwan so no, wobetumi anya mmoa a wɔn ho yɛ nsisimu denam mmoa a awosu mu no wɔwɔ nsisimu soronko bi nanso wokura ahosu biako . . . a wobɛma wɔadi afra aforo wɔn ho ntoatoaso no so,” na “wohu saa mmoa yi denam . . . [wɔn] ahoɔden soronko so.”

Bere a Laban huu nea efii mu bae no, ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛsesa nhyehyɛe a ɛfa mmoa ko a wɔyɛ ne wɔfase no dea—nea wɔn ho yɛ nsensanee, nsisimu, nworonnworan, anaa ntokontrama—no ho. Na Laban rehwehwɛ ɔno ara ne mfaso, nanso ɔsesa nhyehyɛe no sɛ dɛn ara a, na Yehowa hwɛ ma Yakob di yiye bere biara. Na Laban yɛ ho hwee a ɛnyɛ yiye. Yakob benyaa ahode, nguankuw, nkoa, yoma ne mfurum pii bere tiaa mu a na emfi ɔno ara ne nyansa, na mmom Yehowa a ɔtaa n’akyi no. Akyiri yi ɔkyerɛkyerɛɛ mu kyerɛɛ Rahel ne Lea sɛ: “Mo agya asisi me adan m’akatua ani mpɛn du; nanso Onyankopɔn amma no kwan amma wanyɛ me bɔne bi. . . . Onyankopɔn agye mo agya mmoakuw ama me.” Yehowa maa Yakob awerɛhyem nso sɛ, Wahu nea Laban reyɛ no nyinaa nanso ɔmmma ɛnnhaw no. Onyankopɔn kae sɛ: “San kɔ w’asase so ne w’abusua mu, na mɛyɛ wo yiye.”—Genesis 31:1-13; 32:9.

Yakob tetee ne ho fii Laban sisifo no ho wiei no, osii ofie kwan so. Ɛwom sɛ na mfe 20 atwam de, nanso na Yakob da so ara suro Esau, titiriw bere a ɔtee sɛ Esau de mmarima ahannan reba no. Dɛn na na Yakob betumi ayɛ? Esiane sɛ na ɔyɛ honhom muni a ɔde ne ho to Onyankopɔn so daa nti, ofi gyidi mu yɛɛ ade. Ɔbɔɔ mpae, gye toom sɛ ɔmfata Yehowa ayamye, na ɔsrɛɛ Onyankopɔn sɛ onnye ɔne n’abusua mfi Esau nsam esiane Ne bɔhyɛ ahorow no nti.—Genesis 32:2-12.

Afei nea ɔnhwɛ kwan no sii. Ɔhɔho bi a akyiri yi ɛbɛdaa adi sɛ ɔyɛ ɔbɔfo no, ne Yakob tentamee anadwo na ɔde ne nsa kaa no maa Yakob dwonku huanee. Yakob ampene sɛ obegyae ɔbɔfo no mu gye sɛ ohyira no ansa. Odiyifo Hosea kae akyiri yi sɛ Yakob “sui, sɛ ɔresrɛ ɔdom.” (Hosea 12:2-4 NW; Genesis 32:24-29) Ná Yakob nim sɛ Abraham apam mmamu a ɛnam n’aseni so no ho na abɔfo yiyii wɔn ho adi kan no. Enti ɔyeree ne ho tentamee denneennen de nyaa nhyira. Saa bere yi Onyankopɔn sesaa ne din yɛɛ no Israel a ɛkyerɛ “Nea Ɔne Onyankopɔn Di Ako” anaa “Onyankopɔn Di Ako.”

Wowɔ Ɔpɛ Sɛ Wobɛtentam?

Ɛnyɛ ɔbɔfo a Yakob ne no tentamee ne Esau a ɔsan ne no kohyiae no nko ara ne nsɛnnennen a na ɛsɛ sɛ Yakob di so. Nanso nsɛm a yɛasusuw ho wɔ ha yi kyerɛ onipa ko a na ɔyɛ. Bere a Esau ampɛ sɛ ɔkyene kɔm kakraa bi mpo de kora n’abakan so no, Yakob peree ne nkwa nna nyinaa hwehwɛɛ nhyira, ne ɔbɔfo mpo tentamee. Sɛnea Onyankopɔn hyɛɛ bɔ no, Yakob nyaa ne nkyɛn akwankyerɛ ne ahobammɔ, bɛyɛɛ ɔman kɛse bi agya ne Mesia no nana.—Mateo 1:2, 16.

Wopɛ sɛ woyere wo ho nya Yehowa anim dom, sɛ yɛbɛka a, wotentam de hwehwɛ? Ɛnnɛ, nsɛnnennen ne ɔhaw ahyɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔyɛ Onyankopɔn apɛde no asetra mu ma, na ɛtɔ da bi a na gyinae pa a wobesi ayɛ den. Nanso, Yakob nhwɛso pa no hyɛ yɛn nkuran kɛse sɛ yenso akatua a Yehowa de asi yɛn anim no ho anidaso no mu den.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 9 Wɔn nhyiam no ne bere a Yakob maame, Rebeka, maa Elieser yoma nsu no di nsɛ. Saa bere no, Rebeka tuu mmirika kɔɔ fie kɔkaa ɔhɔho no ho asɛm. Bere a Laban huu sika nnwinne akyɛde a ne nuabaa anya no, ɔde mmirika kɔmaa Elieser akwaaba.—Genesis 24:28-31, 53.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 31]

Yakob peree ne nkwa nna nyinaa hwehwɛɛ nhyira