Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wɔsom Kristofo Onuayɛ Kuw no Wɔ Amanaman Mu

Wɔsom Kristofo Onuayɛ Kuw no Wɔ Amanaman Mu

Wɔsom Kristofo Onuayɛ Kuw no Wɔ Amanaman Mu

SO WOATE nsɛm bi te sɛ “amanaman ntam asomfo” ne “amanaman ntam atuhoamafo” pɛn? Yehowa Adansefo a wɔbom yɛ saa kuw yi no tu wɔn ho ma de wɔn bere ne wɔn nimdeɛ boa sisi adan a wotintim Bible Ahenni nkrasɛm wom kyekyɛ no. Atuhoamafo a wɔte saa no boa ma wosisi Nhyiam Asa ne Ahenni Asa ahorow a ɛyɛ mmeae a wogye Bible nkyerɛkyerɛ nso. Mprempren, saa atuhoamafo yi reboa adansi adwuma wɔ aman 34 mu, titiriw wɔ aman a wɔn ho nso mu. Nsɛnnennen pɔtee ne anigye bɛn na asomfo a wɔte saa hyia bere a wɔsom Kristofo onuayɛ kuw no wɔ amanaman mu no? Wɔte nka dɛn wɔ ‘ɔsom kronn’ a wɔde ma no ho? (Adiyisɛm 7:9, 15) Nea ɛbɛyɛ na yɛahu no, ma yɛne atuhoamafo bi a wɔsomee wɔ Mexico no mmɔ nkɔmmɔ.

Atuhoamafo a wofi amannɔne dii kan baa Mexico wɔ May 1992 mu. Ɛno akyi bere tiaa bi no, wodii anim ma wɔtrɛw baa dwumadibea a ɛhwɛ Yehowa Adansefo a wɔwɔ Mexico dwumadi ahorow so no mu. Ntrɛwmu no yɛ adan foforo 14, a nea ɛka ho ne adan a atuhoamafo a wɔsom wɔ baa dwumadibea hɔ bɛtra mu, nhoma tintimbea, ne adwumayɛdan.

Atuhoamafo bɛboro 730 a wofi Canada, Great Britain, United States, ne aman foforo mu ne atuhoamafo ɔhaha pii a wofi Mexico afã nyinaa boom boae ma wosii dan yi. Afei nso, Adansefo bɛboro 28,000 a wɔwɔ asafo ahorow bɛyɛ 1,600 a ɛbɛn beae a baa dwumadibea no wɔ no boae wɔ adapɛn awiei. Wɔn nyinaa fii wɔn pɛ mu de wɔn nimdeɛ boae a wɔannye hwee. Wobuu no sɛ ɛyɛ hokwan a wɔanya sɛ wɔresom Yehowa wɔ saa kwan yi so. Wɔ ɔdansi bere no nyinaa mu no, wɔkɔɔ so kaee nsɛm a efi honhom mu a ɛwɔ Dwom 127:1 no: “Sɛ [Yehowa, NW] ansi dan no a, wɔn a wosi yɛ ho adwuma kwa.”

Nsɛnnennen a Wohyia

Nsɛnnennen bɛn na amanaman ntam atuhoamafo no hyia bere a wɔsom wɔ amannɔne no? Nneɛma a wɔahu no bi ni. Curtis ne Sally, awarefo bi a wofi United States, aboa adansi adwuma wɔ Germany, India, Mexico, Paraguay, Romania, Russia, Senegal, ne Zambia. Curtis ka sɛ: “Na asɛnnennen a edi kan ne yɛn babea a ɔyɛ ɔkwampaefo [bere nyinaa somfo] no a yebegyaw no hɔ ne yɛn kurom asafo a ɛwɔ Minnesota a na yebefi mu no. Na me ne me yere atra saa asafo no mu mfirihyia 24, na na yɛn ani aka hɔ yiye.”

Sally ka sɛ: “Tebea foforo mu asetra yɛ den, na ɛte sɛ nea ɛyɛ den kɛse ma mmea sen mmarima, nanso mihui sɛ metumi ayɛ nsakrae. Misuae mpo sɛ meremma nkoekoemmoa pii no ho asɛm nhaw me!” Ɔde ka ho sɛ: “Ɔman bi mu no, na yɛyɛ atuhoamafo du na yɛte ofie bi a gyaade nnim na aguaree abien pɛ na ɛwom mu. Ɛhɔ no, misuae sɛ menya abotare pii.”

Asɛnnennen foforo a egye mmɔdenbɔ ne ahobrɛase ne kasa foforo sua. Sharon a ɔne ne kunu aboa ma wɔasisi adan wɔ aman pii mu no ka sɛ: “Ɔman a wosom mu kasa a wonte no yɛ asɛnnennen. Mfiase no, ɛyɛ den sɛ wobɛbɛn wo honhom fam anuanom mmarima ne mmea no bere a wuntumi mfi wo pɛ mu nna wo nkate adi nkyerɛ wɔn no. Ɛhaw adwene yiye. Nanso, anuanom a yehyia wɔn wɔ amannɔne nnwuma mu no nya yɛn ho abotare paa na yɛn yiyedi ho hia wɔn pii. Ɛnkyɛ, na yɛne wɔn rebɔ nkɔmmɔ nkakrankakra.”

Egye Akokoduru na Ama Woatumi Akɔ Asɛnka

Bere a atuhoamafo a wɔwɔ ahofama no boa kɛse ma adansi adwuma nya nkɔso no, wonim sɛ nea ɛho hia sen biara no, wɔyɛ Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpakafo. Enti, wɔde wɔn ho hyɛ asɛnka adwuma a asafo ahorow a wɔwom yɛ no mu kosi ase. Åke ne Ing-Mari, awarefo bi a wɔboaa adansi adwuma wɔ Guadeloupe, Malawi, Mexico, ne Nigeria no ka sɛ kasa foforo a wɔde di dwuma wɔ asɛnka mu wɔ amannɔne no gye akokoduru.

Ing-Mari ka sɛ: “Mfiase no na yɛde yɛn ho hyɛ mu kakraa bi, efisɛ na yedi ɛhɔnom Adansefo no akyi bere nyinaa, na esiane fɛre nti na yɛtaa ma wɔn nkutoo kasa. Nanso, da koro anɔpa bi de, yesii gyinae sɛ yɛn ankasa bɛkɔ asɛnka. Yesii mu a na yɛn nankokom rewosow na yɛn koma rebɔ kimkim. Yehyiaa ababaa bi a otiee asɛm a na masiesie no. Mekenkan kyerɛwsɛm bi maa no nhoma. Afei ɔbea no kae sɛ: ‘Ka biribi kyerɛ me. Mewɔ obusuani bi a ɔne Yehowa Adansefo sua Bible no. Me nso mɛyɛ dɛn atumi anya obi ne no asua ade?’ Na minhu nea menka. Afei m’ani baa me ho so, na me ne no yɛɛ Bible adesua ho nhyehyɛe.”

Ing-Mari de ka ho sɛ: “Hwɛ sɛnea m’ani gyei na medaa Yehowa ase sɛ wahyira yɛn mmɔdenbɔ ne ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yɛbɛka nokware no ho asɛm akyerɛ afoforo no so.” Ɔbea yi nyaa nkɔso paa, na wɔbɔɔ no asu sɛ Ɔdansefo wɔ ɔmantam nhyiam ase wɔ Mexico City. Åke ne Ing-Mari ka wɔn asɛnka adwuma no ho asɛm tiawa sɛ: “Yebu nnwuma a yɛayɛ wɔ adansi ahorow mu no yiye, nanso biribiara nni hɔ a ɛsen anigye ne abotɔyam a efi obi a wɔboa no ma ogye nokware no mu ba no.”

Ahofama Honhom

Ɛwom sɛ atuhoamafo a wogyaw wɔn abusua ne wɔn nnamfo no de nneɛma bɔ afɔre kɔsom wɔ amannɔne nsase so de, nanso wɔn nso nya anigye a ɛso bi nni. Ɛno ne dɛn?

Howard a ɔne ne yere, Pamela, somee wɔ Angola, Colombia, Ecuador, El Salvador, Guyana, Mexico, ne Puerto Rico no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ɛyɛ hokwan sɛ wubehyia anuanom mmarima ne mmea a wofi aman horow so, na woahu ɔdɔ a ɛwɔ yɛn amanaman ntam onuayɛ kuw no mu ankasa no. Yɛtaa kenkan ho asɛm, nanso sɛ wo ne afoforo a wofi aman ne mmusua horow mu bom tra som a, wunya yɛn nuayɛ kuw a ɛsom bo no ho anisɔ kɛse koraa.”

Gary, a waboa adansi adwuma wɔ Colombia, Costa Rica, Ecuador, Mexico, ne Zambia no nso te nka sɛ dwumadi yi aboa no kɛse. Ɔka sɛ: “Ntetee a manya mfirihyia pii ni denam anuanom a wɔn ho akokwaw a wɔsom wɔ baa dwumadibea ahorow wɔ aman a wɔama me dwumadi wɔ hɔ so no aboa me asiesie me yiye ama nsɛnnennen a mihyia wɔ me dwumadi ahorow mu no. Ɛhyɛ gyidi den efisɛ ɛma wunya hokwan hu biakoyɛ a ɛwɔ Yehowa ahyehyɛde a ɛwɔ wiase nyinaa mu no—biakoyɛ a edi nsonsonoe a ɛwɔ kasa, mmusua, anaa amammerɛ mu no so.”

Saa bere yi wɔawie Mexico adansi adwuma no, na wɔabue baa dwumadibea adan a wɔtrɛw mu no ano wɔ afe yi mu. Ɔdɔ a amanaman ntam asomfo ne amanaman ntam atuhoamafo wɔ ma Onyankopɔn no aboa kɛse wɔ nokware som ntrɛwmu wɔ Mexico ne mmeae foforo. Yehowa Adansefo a wɔwɔ wiase nyinaa ani sɔ ɔpɛ ne ahofama honhom a wɔwɔ sɛ wɔbɛsom wɔn nuanom Kristofo wɔ amanaman mu no pii.

[Mfonini wɔ kratafa 25]

Ecuador

[Mfonini wɔ kratafa 25]

Colombia

[Mfonini wɔ kratafa 25]

Angola

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Turo a ɛwɔ baa dwumadibea hɔ

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Wofi Mexico baa dwumadibea adan foforo no ho adwuma ase

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Ase hɔ: Adansi Dwumadibea no mufo a wogyina adan foforo no bi anim

[Mfonini wɔ kratafa 27]

Adansi atuhoamafo no ani gye ho sɛ wɔbɛboa ɛhɔnom asafo no ma wɔayɛ asɛnka adwuma no