Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Sɛ Kristoni bi te ɛnne bi a onhu baabi a efi a, so na ɛno kyerɛ sɛ ɔwɔ adaemone ntua ase?

Dabi. Bere a wɔaka adaemone horow ho asɛm sɛ wɔada wɔn ho adi saa kwan no so no, nhwehwɛmu a wɔayɛ kyerɛ sɛ, nnipa pii a wɔte ɛnne anaa nneɛma bi a ɛhaw adwene a wontumi nhu nea efi no yare.

Wɔ afeha a edi kan mu mpo no, na ɛda adi sɛ ɛtɔ mmere bi a adaemone ntua ne yare a nnipa binom yare ma wɔte nka saa. Wɔ Mateo 17:14-18 no, yɛkenkan aberante bi a Yesu saa no yare ho asɛm. Ɛwom sɛ na aberante no ada nsɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ otwa abiribiriw de, nanso na ɛyɛ adaemone na ɛhaw no. Nanso, ansa na ɛno resi no, na nnipa a wɔrehu amane a wɔde wɔn baa Yesu nkyɛn ayaresa no mu binom yɛ ‘wɔn a ahonhommɔne wɔ wɔn so, ne wɔn a wɔyare otwa.’ (Mateo 4:24) Ɛda adi sɛ wohui sɛ na ɛnyɛ adaemone na ɛhaw nnipa binom a na wɔyare otwa no. Na ɛyɛ yare na wɔyare.

Wɔabɔ amanneɛ sɛ ebinom a wɔwɔ schizophrenia (yare a ɛma obi adwenem yɛ no basaa) yare a wotumi de aduru sa no tumi te ɛnne horow anaa wohu nneɛma bi a ɛte sɛ nea efi ahonhom wiase. * Nyarewa foforo nso betumi ama obi adwenem ayɛ no basaa ma ebinom asusuw sɛ efi adaemone. Ne saa nti, bere a obi a ɔka sɛ ɔte ɛnne horow bi anaa ohu nneɛma bi a ɛhaw n’adwene no ntumi mmu n’ani ngu adaemone so no, ɛsɛ sɛ wɔhyɛ no nkuran ankasa ma ɔyɛ nhwehwɛmu hwɛ sɛ ebia nea ɛreyɛ no no yɛ honam mu yare anaa.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 5 Hwɛ “Taking the Mystery out of Mental Illness,” (Adwenem Yare Ho Ahintasɛm a Wɔama Ada Adi) wɔ September 8, 1986, Engiresi Nyan!, nsɛmma nhoma a ɛka Ɔwɛn-Aban ho no mu.