Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Munnya Ahonim pa”

“Munnya Ahonim pa”

“Munnya Ahonim pa”

AFOTU a yɛtaa te ne sɛ “Ma w’ahonim nkyerɛ wo kwan.” Nanso ansa na yɛn ahonim betumi akyerɛ yɛn kwan yiye no, ɛsɛ sɛ yɛtete no ma ehu papa ne bɔne mu yiye, na ɛsɛ sɛ yetumi hu nneɛma a ɛtɔ kɔ so nso.

Susuw asɛm a ɛfa ɔbarima bi a wɔfrɛ no Sakeo, a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Bible mu no ho hwɛ. Ná Sakeo a ɔtraa Yeriko no yɛ towgyefo panyin ne ɔdefo. Sɛnea n’ankasa kae no, na ɔnam nsisi—adeyɛ a akyinnye biara nni ho sɛ epiraa afoforo—so na anya ne ho. So Sakeo nneyɛe bɔne no maa n’ahonim haw no? Sɛ na ɛhaw no a, ɛnde ɛda adi sɛ na obu n’ani gu so.—Luka 19:1-7.

Nanso asɛm bi sii a ɛmaa Sakeo san susuw ne nneyɛe ho. Yesu baa Yeriko. Ná Sakeo a ɔyɛ onipa tiatiaa no pɛ sɛ ohu no nanso esiane nnipakuw no nti, na ontumi nhu no. Enti otuu mmirika dii wɔn anim kɔforoo dua sɛnea ɛbɛyɛ a obehu no yiye. Bere a Yesu ani gyee Sakeo anigye kɛse a ɔdaa no adi ho no, ɔka kyerɛɛ no sɛ ɔbɛba ne nkyɛn wɔ ne fie. Sakeo de anigye daa ahɔhoyɛ adi kyerɛɛ ne hɔho nuonyamfo yi.

Nea Sakeo hui na ɔtee bere a ɔne Yesu bɔe no kaa ne koma, na ɛkanyan no ma ɔsakraa n’akwan. Ɔkae sɛ: “Awurade, hwɛ, mede m’ahode fa mekyɛ ahiafo, na sɛ menam nkontompo so magye obi biribi a, mebɔ ho mpɛn anan mitua ka.”—Luka 19:8.

Ná wɔatete Sakeo ahonim, na otiee n’ahonim de dii dwuma. Mfaso pii fii aba a ɛsowee no mu bae. Wo de susuw sɛnea Sakeo tee nka bere a Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɛnnɛ na nkwagye aba ofi yi mu” no ho hwɛ.—Luka 19:9.

Nhwɛso a ɛhyɛ nkuran bɛn ara ni! Ɛma ɛda adi sɛ ɛmfa ho sɛnea na yɛbɔ yɛn bra kan no, yebetumi asakra. Te sɛ Sakeo no, yebetumi atie Yesu nsɛm—a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Bible mu no—na yɛatete yɛn nkatede wɔ nea ɛteɛ ne nea ɛnteɛ ho. Ɛno ansa na sɛnea ɔsomafo Petro hyɛɛ ho nkuran no, ‘yɛanya ahonim pa.’ Yebetumi atie yɛn ahonim a wɔatete no no, na yɛayɛ nea ɛteɛ.—1 Petro 3:16.