Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Monkyekye Wɔn A Wɔn Werɛ Ahow Werɛ

Monkyekye Wɔn A Wɔn Werɛ Ahow Werɛ

Monkyekye Wɔn A Wɔn Werɛ Ahow Werɛ

‘Yehowa asoma me sɛ memmɛkyekye nkɔmmɔdifo nyinaa werɛ.’—YESAIA 61:1, 2.

1, 2. Henanom na ɛsɛ sɛ yɛkyekye wɔn werɛ, na dɛn ntia?

YEHOWA, nokware awerɛkyekye nyinaa Nyankopɔn no, kyerɛkyerɛ yɛn sɛ yensusuw afoforo ho bere a ɔhaw bi ato wɔn no. Ɔkyerɛkyerɛ yɛn sɛ ‘yɛnkyekye wɔn a wɔn koma atu werɛ’ na yɛnkyekye nkɔmmɔdifo nyinaa werɛ. (1 Tesalonikafo 5:14) Sɛ ɛho behia a, yɛde mmoa a ɛte saa ma mfɛfo asomfo. Yeyi ɔdɔ adi kyerɛ wɔn a wɔwɔ asafo no akyi nso, wɔn a ebia wɔnnaa ɔdɔ adi nkyerɛɛ yɛn pɛn mpo.—Mateo 5:43-48; Galatifo 6:10.

2 Yesu Kristo kenkanee nkɔmhyɛ kwan so ahyɛde yi na ɔkyerɛe sɛ ɛfa ne ho: “[Yehowa, NW] Nyankopɔn honhom wɔ me so, efisɛ [Yehowa, NW] asra me sɛ menka asɛmpa menkyerɛ amanehunufo; wasoma me sɛ memmɛkyekye wɔn a wɔn koma abubu werɛ, . . . menkyekye nkɔmmɔdifo nyinaa werɛ.” (Yesaia 61:1, 2; Luka 4:16-19) Nnɛyi Kristofo a wɔasra wɔn no fi bere tenten ahu sɛ saa ahyɛde yi fa wɔn ho nso, na “nguan foforo” no de anigye ka wɔn ho wɔ saa adwuma no mu.—Yohane 10:16.

3. Sɛ nkurɔfo bisa sɛ, “Dɛn nti na Onyankopɔn ma amanehunu ho kwan?” a, yɛbɛyɛ dɛn atumi aboa wɔn?

3 Sɛ asiane bi si ma nkurɔfo koma tu a, wɔtaa bisa sɛ, “Dɛn nti na Onyankopɔn ma amanehunu ho kwan?” Bible no bua saa asɛm no ma emu da hɔ pefee. Nanso, ebia ebegye bere ansa na obi a onsuaa Bible no ate ase yiye. Wɔde mmoa ma wɔ Yehowa Adansefo nhoma ahorow mu. * Nanso, nea edi kan no, ebinom anya awerɛkyekye bere a wohu kyerɛwsɛm te sɛ nea ɛwɔ Yesaia 61:1, 2 wɔ Bible mu no, efisɛ ɛkyerɛ ɔpɛ a Onyankopɔn wɔ sɛ nnipa benya awerɛkyekye.

4. Ɔkwan bɛn so na Ɔdansefo bi a ɔwɔ Poland tumi boaa sukuuni abeawa bi a na wahaw, na ɔkwan bɛn so na saa suahu no betumi aboa ma wo nso woaboa afoforo?

4 Mmofra ne mpanyin nyinaa hia awerɛkyekye. Ɔbabun bi a ɔwɔ Poland a wahaw no kɔɔ n’adamfo bi hɔ sɛ ɔmmoa no. Bere a adamfo a ɔyɛ Yehowa Ɔdansefo no too ne bo ase bisabisaa no nsɛm kakra no, ohui sɛ nsɛmmisa pii haw abeawa no na n’adwene nsi no pi wɔ nneɛma ho: “Dɛn nti na amumɔyɛ abu so saa? Dɛn nti na nnipa hu amane? Dɛn nti na me nuabea a wabubu no hu amane? Dɛn nti na mewɔ komayare? Sɛ mibisa wɔ Asɔre a, wɔkyerɛ sɛ Onyankopɔn pɛ no saa. Nanso sɛ saa na asɛm no te a, ɛnde merennye no nni bio!” Ɔdansefo no bɔɔ Yehowa mpae wɔ ne tirim na afei ɔkae sɛ: “Ɛyɛ me anigye sɛ woabisa me nsɛm yi. Mɛbɔ mmɔden sɛ mɛboa wo.” Ɔkae sɛ na ɔno nso adwene nsi no pi wɔ nneɛma ho bere a na ɔyɛ abofra no, na Yehowa Adansefo na wɔboaa no. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Mibehui sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔma nnipa hu amane. Ɔdɔ wɔn na ɔpɛ sɛ esi wɔn yiye koraa, na ɛrenkyɛ ɔde nsakrae kɛse bɛba asase so. Yare, onyin, ne owu befi hɔ, na adesamma asoɔmmerɛfo bɛtra ase daa—wɔ asase yi ara so.” Ɔkenkan Adiyisɛm 21:3, 4; Hiob 33:25; Yesaia 35:5-7 ne 65:21-25 kyerɛɛ abeawa no. Bere a wɔbɔɔ nkɔmmɔ bere tenten no, abeawa no de ahotɔ kɛse kae sɛ: “Afei na mahu nea enti a mete nkwa mu. So ɛyɛ a mensan mmehu wo bio?” Wɔne no yɛɛ Bible adesua mprenu dapɛn biara.

Fa Onyankopɔn Awerɛkyekye Kyekye Afoforo Werɛ

5. Sɛ yɛda tema adi kyerɛ obi a, dɛn na ɛbɛma wanya nokware awerɛkyekye?

5 Sɛ yɛpɛ sɛ yɛkyekye afoforo werɛ a, ɛsɛ sɛ yɛka nsɛm a ɛda tema adi kyerɛ wɔn. Yɛbɔ mmɔden sɛ yɛde nsɛm a yɛbɛka ne ɛnne a yɛde bɛkasa no kyerɛ onipa a ɔredi awerɛhow no sɛ yedwen ne tebea no ho. Yɛrentumi nyɛ eyi bere a yɛka nsɛm a yensusuw ho yiye no. Bible ka kyerɛ yɛn sɛ ‘yɛmfa boasetɔ ne Kyerɛwnsɛm no mu awerɛkyekye so nnya anidaso.’ (Romafo 15:4) Eyi nti, wɔ bere a ɛfata mu no, yebetumi akyerɛkyerɛ nea Onyankopɔn Ahenni kyerɛ mu, na yebetumi afi Bible mu akyerɛ sɛnea ebedi mprempren haw ahorow ho dwuma no mu. Afei yebetumi ne no asusuw nea enti a ɛyɛ anidaso a yebetumi de yɛn ho ato so no ho. Saa kwan yi so no, yɛbɛma wanya awerɛkyekye.

6. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛboa nkurɔfo ma wɔte ase na ama wɔatumi anya awerɛkyekye a ɛwɔ Kyerɛwnsɛm mu no so mfaso koraa?

6 Sɛ obi benya awerɛkyekye a ne nsa ka no so mfaso koraa a, ɛsɛ sɛ ohu nokware Nyankopɔn no, Onii a ɔyɛ, ne sɛnea yetumi de yɛn ho to ne bɔhyɛ ahorow so. Sɛ yɛpɛ sɛ yɛboa obi a ɔnsom Yehowa a, ɛyɛ papa sɛ yɛbɛkyerɛkyerɛ nsɛm a edidi so yi mu. (1) Awerɛkyekye a ɛwɔ Bible mu no fi Yehowa, nokware Nyankopɔn, no hɔ; (2) Yehowa yɛ Ade Nyinaa So Tumfoɔ, ɔsoro ne asase Bɔfo. Ɔyɛ ɔdɔ Nyankopɔn na adɔeyɛ ne nokware ahyɛ no ma. (3) Sɛ yɛbɛn Onyankopɔn denam N’asɛm mu nokware nimdeɛ a yebenya so a, ebetumi ahyɛ yɛn den ma yɛagyina tebea horow ano. (4) Bible no kura kyerɛw nsɛm a ɛfa tebea pɔtee a ankorankoro hyia ho.

7. (a) Dɛn na ebetumi afi si a yebesi so dua sɛ awerɛkyekye a Onyankopɔn de ma no “nam Kristo so boro so” no mu aba? (b) Wobɛyɛ dɛn akyekye obi a osusuw sɛ ne nneyɛe bɔne bi nti na ɔrehu amane no werɛ?

7 Ebinom ama wɔn a wɔn werɛ ahow a wɔwɔ Bible mu nimdeɛ no anya honhom fam nhyira denam 2 Korintofo 1:3-7 a wɔkenkan kyerɛ wɔn no so. Bere a wɔreyɛ saa no, wosi asɛm ‘awerɛkyekye nam Kristo so boro so’ no so dua. Kyerɛwsɛm yi betumi aboa obi ma wahu sɛ Bible yɛ awerɛkyekye fibea a ɛsɛ sɛ osusuw ho yiye. Ebetumi ama wɔanya nea wobegyina so abɔ nkɔmmɔ foforo, ebia wɔ mmere foforo mu. Sɛ obi te nka sɛ nneɛma bɔne bi a wayɛ nti na ɔrehu amane a, ɛnde, bere a yɛremmu no atɛn no, yebetumi aka akyerɛ no sɛ ɛyɛ awerɛkyekye sɛ obehu nea wɔakyerɛw wɔ 1 Yohane 2:1, 2 ne Dwom 103:11-14 no. Saa akwan yi so no, yɛde Onyankopɔn awerɛkyekye kyekye afoforo werɛ ankasa.

Bere a Basabasayɛ Anaa Sikasɛm Mu Ahokyere Ma Obi Hyia Nsɛnnennen

8, 9. Yɛbɛyɛ dɛn atumi akyekye nkurɔfo a wɔayɛ wɔn basabasa no werɛ wɔ ɔkwan a ɛfata so?

8 Basabasayɛ—nea amumɔyɛfo de ba wɔ mpɔtam bi mu anaa nea ɔko de ba—asɛe nnipa ɔpepem pii asetra. Yɛbɛyɛ dɛn atumi akyekye wɔn werɛ?

9 Nokware Kristofo hwɛ yiye sɛ wɔremfa nsɛm a wɔka anaa wɔn nneyɛe so nnyina ɔfã bi akyi wɔ wiase ntawntawdi mu. (Yohane 17:16) Nanso wɔde Bible no di dwuma ɔkwampa so de kyerɛ sɛ mprempren tebea bɔne no renkɔ so daa. Wobetumi akenkan Dwom 11:5 de akyerɛ sɛnea Yehowa te nka wɔ wɔn a wɔdɔ basabasayɛ no ho, anaasɛ wobetumi akenkan Dwom 37:1-4 de akyerɛ Onyankopɔn nkuranhyɛ a ese ɛnsɛ sɛ yetua bɔne so ka na mmom yennya Onyankopɔn mu ahotoso no. Nsɛm a ɛwɔ Dwom 72:12-14 no kyerɛ sɛnea Salomo Ɔkɛseɛ, Yesu Kristo, a ɔredi tumi mprempren sɛ Ɔhene wɔ soro no, te nka wɔ nnipa a wɔn ho nni asɛm a wɔyɛ wɔn basabasa no ho.

10. Sɛ wode mfe pii atra baabi a ɔko kɔ so a, ɔkwan bɛn so na kyerɛw nsɛm a wɔabobɔ din no betumi akyekye wo werɛ?

10 Nnipa binom ahu ɔko atoatoa so bere a afã a wɔredi ako no mu biara pere sɛ obedi ɔfoforo so nkonim no. Saafo no susuw sɛ ɔko ne ɔko akyi asɛm yɛ asetra fã. Anidaso a edi mu a wonya ara ne sɛ nneɛma bɛyɛ yiye ama wɔn bere a wotumi guan kɔ ɔman foforo so no. Nanso saa a wɔyɛ no mma ensi wɔn mu dodow no ara yiye, na dodow bi a wɔayɛ saa no ahwere wɔn nkwa mpo. Mpɛn pii no, wɔn a wotumi du ɔman foforo mu no hu sɛ wofi ɔhaw biako mu akɔtɔ foforo mu. Yebetumi de Dwom 146:3-6 aboa saafo no ma wɔanya biribi a wobetumi de wɔn ho ato so kɛse mu anidaso sen sɛ wobeguan akɔ ɔman foforo so. Nkɔmhyɛ a ɛwɔ Mateo 24:3, 7, 14 anaa 2 Timoteo 3:1-5 no betumi aboa ma wɔate tebea a wɔwom, a ɛne sɛ, yɛte nneɛma nhyehyɛe dedaw yi awiei mu no ase kɛse. Kyerɛw nsɛm te sɛ Dwom 46:1-3, 8, 9 ne Yesaia 2:2-4 betumi aboa wɔn ma wɔahu sɛ daakye a asomdwoe wom ho anidaso ankasa wɔ hɔ.

11. Kyerɛw nsɛm bɛn na ɛkyekyee ɔbea bi a ɔwɔ Afrika Atɔe fam werɛ, na dɛn ntia?

11 Bere bi a na ɔko rekɔ so wɔ Afrika Atɔe fam no, ɔbea bi guan fii ne fie bere a na wɔretotow atuo no. Osuro, awerɛhow, ne akomatu hyɛɛ n’asetra ma. Akyiri yi, bere a na abusua no te ɔman foforo mu no, ne kunu sii gyinae sɛ ɔbɛhyew wɔn aware krataa, apam ne yere a na ɔyem saa bere no ne wɔn babarima a na wadi mfe du, na wabɛyɛ sɔfo. Bere a wɔkenkan Filipifo 4:6, 7 ne Dwom 55:22 ne Ɔwɛn-Aban ne Nyan! mu nsɛm a egyina Kyerɛwnsɛm so kyerɛɛ ɔbea no, awiei koraa no, onyaa awerɛkyekye ne asetram atirimpɔw.

12. (a) Ogye bɛn na Kyerɛwnsɛm no ka ho asɛm kyerɛ wɔn a wɔn ho akyere wɔn sikasɛm mu no? (b) Ɔkwan bɛn so na Ɔdansefo bi a ɔwɔ Asia tumi boaa ne guadini bi?

12 Sikasɛm mu ahokyere asɛe nnipa ɔpepem pii asetra. Ɛtɔ mmere bi a, nea ɛma ɛba saa ne ɔko ne ɔko akyi asɛm. Ɛtɔ mmere bi nso a, aban nhyehyɛe a nyansa nnim ne wɔn a wodi tumi no adifudepɛ ne nokware a wonni nyinaa ka bom ma nkurɔfo sɛe sika a wɔde asie nyinaa, na ama nkurɔfo ahwere wɔn agyapade. Afoforo nso nnyaa wiase yi mu nneɛma ahorow no bi da. Yebetumi akyekye saafo no nyinaa werɛ ma wɔahu sɛ Onyankopɔn begye wɔn a wɔde wɔn ho to ne so no, na ɔhyɛ wiase bi a nnipa bedi wɔn nsa ano adwuma ho bɔ. (Dwom 146:6, 7; Yesaia 65:17, 21-23; 2 Petro 3:13) Bere a Ɔdansefo bi a ɔwɔ Asia man bi mu tee sɛ ne guadini bi reka sɛnea ne man mu sikasɛm ama wahaw no, ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ nea ɛrekɔ so wɔ hɔ no yɛ nsɛm a ɛresisi wɔ wiase nyinaa no fã. Nkɔmmɔ a ɔne no bɔ faa Mateo 24:3-14 ne Dwom 37:9-11 ho no kowiee Bible adesua a wɔyɛ no daa mu.

13. (a) Sɛ wɔahyɛ nkurɔfo bɔ adi wɔn huammɔ mpɛn pii a, ɔkwan bɛn so na yebetumi de Bible no aboa wɔn? (b) Sɛ nkurɔfo te nka sɛ tebea bɔne a ɛwɔ hɔ no kyerɛ sɛ Onyankopɔn nni hɔ a, ɔkwan bɛn so na wobɛbɔ mmɔden ne wɔn asusuw nsɛm ho?

13 Sɛ nkurɔfo hu amane mfe pii anaasɛ wɔahyɛ wɔn bɔ adi wɔn huammɔ mpɛn pii a, wobetumi ayɛ sɛ Israelfo a na wɔwɔ Misraim a ‘esiane ahometew nti’ wɔantie no. (Exodus 6:9) Wɔ nsɛm a ɛte saa mu no, ɛbɛyɛ nea mfaso wɔ so sɛ wobɛkyerɛ wɔn akwan a Bible no betumi aboa wɔn ma wɔagyina nnɛyi haw ano na wɔakwati asiane ahorow a ɛsɛe nnipa pii asetra wɔ ɔkwan a enhia so no. (1 Timoteo 4:8b) Ebia ebinom bebu tebea bɔne a wɔwom no sɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn nni hɔ anaasɛ onnwen wɔn ho. Wubetumi ne wɔn asusuw kyerɛw nsɛm a ɛfata ho na aboa wɔn ma wɔahu sɛ Onyankopɔn de mmoa ama nanso nnipa pii nnye ntom.—Yesaia 48:17, 18.

Bere a Wohyia Ahum ne Asasewosow

14, 15. Bere a asiane bi maa nnipa pii ho dwiriw wɔn no, ɔkwan bɛn so na Yehowa Adansefo kyerɛe sɛ wodwen wɔn ho?

14 Ahum, asasewosow, ogya, anaa biribi a ɛpae betumi ama asiane asi. Nnipa pii betumi adi awerɛhow. Dɛn na yebetumi ayɛ de akyekye wɔn a wobefi mu afi no werɛ?

15 Ɛsɛ sɛ nkurɔfo hu sɛ obi wɔ hɔ a odwen wɔn ho. Wɔ amumɔyɛfo ntua wɔ ɔman bi mu akyi no, nnipa pii ho dwiriw wɔn. Wɔn mu bebree hweree wɔn abusuafo, wɔn a wɔhwɛ wɔn, nnamfo, adwuma, ne ahobammɔ biara a na wosusuw sɛ wɔwɔ. Yehowa Adansefo kɔɔ wɔn a wɔwɔ wɔn mpɔtam hɔ no nkyɛn kɔmaa wɔn hyɛden wɔ ade kɛse a wɔahwere no ho de Bible mu nsɛm kyekyee wɔn werɛ. Nnipa pii ani sɔɔ sɛnea wodwen wɔn ho no kɛse.

16. Bere a asiane sii El Salvador mantam bi mu no, dɛn nti na asɛnka adwuma a Adansefo a wɔwɔ hɔnom yɛe no tuu mpɔn kɛse?

16 Wɔ El Salvador no, asasewosow bi a ano yɛ den a esii wɔ 2001 mu no puw atɛkyɛ pii kunkum nnipa pii. Ɔdansefo bi babarima a na wadi mfirihyia 25, ne ɔbea a na ɔbɛware no nuabeanom baanu wuwui. Aberantewaa no maame ne ɔbea a na aberantewaa no rebɛware no no de wɔn ho hyɛɛ asɛnka mu ntɛm ara. Nnipa pii ka kyerɛɛ wɔn sɛ Onyankopɔn na wafrɛ wɔn a wowuwui no anaasɛ ɛyɛ Onyankopɔn pɛ. Adansefo no faa asɛm a ɛwɔ Mmebusɛm 10:22 kenkan de kyerɛe sɛ Onyankopɔn mpɛ sɛ yedi yaw. Wɔkenkan Romafo 5:12 de kyerɛe sɛ ɛnam onipa bɔne so na owu bae, na ɛnyɛ sɛ ɛyɛ Onyankopɔn pɛ. Wɔtwee adwene sii awerɛkyekyesɛm a ɛwɔ Dwom 34:18, Dwom 37:29, Yesaia 25:8, ne Adiyisɛm 21:3, 4 nso so. Nkurɔfo yɛɛ asõ tiei, titiriw esiane sɛ na mmea baanu no ankasa ahwere wɔn abusuafo wɔ asiane no mu nti, na wofii Bible adesua pii ase.

17. Wɔ asiane mmere mu no, mmoa bɛn na yebetumi de ama?

17 Sɛ asiane si a, ebia wubehyia obi a ohia honam fam mmoa ntɛmpa ara. Ebia eyi bɛhwehwɛ sɛ wofrɛ oduruyɛfo, wobɛboa obi de no akɔ ayaresabea, anaasɛ wobɛyɛ nea wubetumi biara ama no aduan ne ɔdan. Wɔ 1998 mu, bere a asiane a ɛte saa bi sii wɔ Italy no, sɛnkyerɛwfo bi kae sɛ Yehowa Adansefo “yɛ ade wɔ ɔkwan a mfaso wɔ so so, wɔtrɛw wɔn nsam ma wɔn a wohu amane no, a wonnwen ɔsom ko a wɔwom ho.” Wɔ mmeae bi no, nsɛm a wɔhyɛɛ nkɔm sɛ ebesisi wɔ nna a edi akyiri mu no ma nkurɔfo hu amane kɛse. Wɔ saa mmeae no, Yehowa Adansefo twe adwene si Bible nkɔmhyɛ ahorow so na wɔde Bible mu bɔhyɛ a ɛne sɛ Onyankopɔn Ahenni de nokware ahobammɔ bɛbrɛ adesamma no kyekye nkurɔfo werɛ.—Mmebusɛm 1:33; Mika 4:4.

Bere a Obusuani Bi Awu

18-20. Sɛ owu si abusua bi mu a, dɛn na wubetumi aka anaa wobɛyɛ de akyekye wɔn werɛ?

18 Nnipa ɔpepem pii di awerɛhow da biara wɔ wɔn dɔfo bi wu ho. Ebia wubehyia wɔn a wodi awerɛhow bere a woreyɛ Kristofo som adwuma no anaasɛ woredi da biara da asetra mu nsɛm ho dwuma no. Dɛn na wubetumi aka anaa wubetumi ayɛ de akyekye wɔn werɛ?

19 So onipa no ahaw wɔ nkate fam? So abusuafo a wɔredi awerɛhow ahyɛ ofie hɔ ma? Ebia pii wɔ hɔ a wobɛpɛ sɛ woka, nanso ehia sɛ woyɛ anifere. (Ɔsɛnkafo 3:1, 7) Ebia nea ɛfata ne sɛ wobɛma wɔn hyɛden, na wagyaw Bible ho nhoma bi (nhomawa, nsɛmma nhoma, anaa kratawa) ama wɔn, na afei woakɔ hɔ nna kakra bi akyi akɔhwɛ sɛ wubetumi de mmoa foforo ama anaa. Wɔ bere a ɛfata mu no, ka Bible mu nkuranhyɛsɛm bi kyerɛ wɔn. Eyi betumi adwudwo wɔn yaw ano. (Mmebusɛm 16:24; 25:11) Worentumi nnyan awufo sɛnea Yesu yɛe no. Nanso wubetumi aka nea Bible ka fa awufo tebea ho no ho asɛm akyerɛ wɔn, ɛwom sɛ ebia na eyi nyɛ bere a ɛsɛ sɛ wobɔ mmɔden bɔ nsusuwii a ɛnteɛ gu de. (Dwom 146:4; Ɔsɛnkafo 9:5, 10; Hesekiel 18:4) Wubetumi ne wɔn akenkan Bible bɔhyɛ ahorow a ɛfa owusɔre ho no. (Yohane 5:28, 29; Asomafo no Nnwuma 24:15) Wubetumi akyerɛkyerɛ nea eyi kyerɛ mu, na wubetumi de Bible mu amanneɛbɔ a ɛfa owusɔre bi ho adi dwuma. (Luka 8:49-56; Yohane 11:39-44) Afei, twe adwene si ɔdɔ Nyankopɔn a ɔma yenya saa anidaso no su horow so. (Hiob 14:14, 15; Yohane 3:16) Kyerɛkyerɛ sɛnea saa nkyerɛkyerɛ yi aboa wo ne nea enti a wowɔ mu ahotoso no mu.

20 Ahenni Asa so a wobɛto nsa afrɛ nea ɔredi awerɛhow no akɔ no betumi aboa no ma wahu sɛ nnipa bi wɔ hɔ a wɔdɔ wɔn afipamfo ankasa na wonim sɛnea wɔhyɛ wɔn ho wɔn ho den. Ɔbea bi a ɔwɔ Sweden hui sɛ eyi ne ade a na ɔrehwehwɛ wɔ ne nkwa nna nyinaa mu.—Yohane 13:35; 1 Tesalonikafo 5:11.

21, 22. (a) Sɛ ɛsɛ sɛ yɛde awerɛkyekye ma a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? (b) Wobɛyɛ dɛn atumi akyekye obi a onim Kyerɛwnsɛm no yiye dedaw no werɛ?

21 Sɛ ɛtɔ mmere bi na wuhu sɛ obi redi awerɛhow wɔ Kristofo asafo no mu anaasɛ akyi a, so ɛyɛ a wunhu nea wonka anaa wonyɛ? Nea Hela asɛmfua a wɔtaa kyerɛ ase “awerɛkyekye” wɔ Bible mu no kyerɛ ankasa ne sɛ “wobɛka abɛn obi.” Nokware werɛkyekyefo a wobɛyɛ no kyerɛ sɛ wubetu wo ho ama wɔn a wɔredi awerɛhow no.—Mmebusɛm 17:17.

22 Na sɛ onipa a wopɛ sɛ wokyekye ne werɛ no nim nea Bible ka fa owu, agyede, ne owusɔre no ho dedaw nso ɛ? Adamfo a ɔne no wɔ gyidi koro a ɔwɔ hɔ kɛkɛ no betumi ayɛ awerɛkyekye. Sɛ ɔpɛ sɛ ɔkasa a, yɛ otiefo pa. Nte nka sɛ ɛsɛ sɛ woboaboa nsɛm bi ano ka. Sɛ mokenkan kyerɛw nsɛm bi a, bu eyi sɛ Onyankopɔn nsɛm a ɛhyɛ mo baanu nyinaa den. Kyerɛ gyidi a emu yɛ den a mo baanu nyinaa wɔ sɛ bɔhyɛ no bɛbam ɔkwan biara so no mu. Sɛ woda Onyankopɔn ayamhyehye adi denam Onyankopɔn Asɛm mu nokware a ɛsom bo a wobɛka ho asɛm so a, wubetumi aboa wɔn a wɔredi awerɛhow no ma wɔanya awerɛkyekye ne denhyɛ afi “awerɛkyekye nyinaa Nyankopɔn,” Yehowa, hɔ.—2 Korintofo 1:3.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 3 Hwɛ Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu nhoma no, ti 8; Reasoning From the Scriptures, nkratafa 393-400, 427-31; Is There a Creator Who Cares About You?, ti 10; ne So Onyankopɔn Dwen Yɛn Ho Ampa? nhomawa no.

Wo Mmuae ne Dɛn?

• Hena na nnipa pii de amanehunu a esisi ho sobo to ne so, na yɛbɛyɛ dɛn atumi aboa wɔn?

• Dɛn na yebetumi ayɛ de aboa afoforo ma wɔanya awerɛkyekye a Bible de ma so mfaso kɛse?

• Tebea horow bɛn na ɛma nnipa pii di awerɛhow wɔ wo mpɔtam hɔ, na wobɛyɛ dɛn atumi akyekye wɔn werɛ?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 23]

Awerɛkyekyesɛm ankasa a wɔde ma wɔ ahohia mmere mu

[Asɛm Fibea]

Aguanfo atrae: UN PHOTO 186811/J. Isaac

[Mfonini wɔ kratafa 24]

Adamfo a ɔwɔ hɔ kɛkɛ no betumi ayɛ awerɛkyekye