Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mmoa a Ɛbɛma Yɛakura Kronkron a Mogya Yɛ Mu

Mmoa a Ɛbɛma Yɛakura Kronkron a Mogya Yɛ Mu

Ahenni Adawurubɔfo Bɔ Amanneɛ

Mmoa a Ɛbɛma Yɛakura Kronkron a Mogya Yɛ Mu

WƆ ASASE so nyinaa no, Yehowa asomfo adi nokware ama Onyankopɔn wɔ kronkron a mogya yɛ ho. (Asomafo no Nnwuma 15:28, 29) Akoa nokwafo ne ɔbadwemma kuw no ayɛ Kristofo onuayɛ kuw no mmoa. (Mateo 24:45-47) Ma yɛnhwɛ nea afi mu aba wɔ Philippines.

Baa dwumadibea a ɛwɔ Philippines no bɔ amanneɛ sɛ: “Wɔbɔɔ yɛn amanneɛ wɔ afe 1990 mu sɛ Brooklyn Betel ananmusifo bɛba abɛyɛ nhyiam bi wɔ Philippines ha. Wɔtoo nsa frɛɛ anuanom fii Asia baa dwumadibea pii mu a na Korea, Taiwan, ne Hong Kong, ka ho. Na atirimpɔw no ne sɛ wɔbɛtew Ayaresabea Ho Nsɛm Dwumadibea wɔ wɔn baa dwumadibea ahorow mu, na afei wɔayɛ Ayaresabea Ntam Nkitahodi Boayikuw nso ho nhyehyɛe. Mfiase no, wɔ Philippines no, wɔtew boayikuw ahorow no bi wɔ nkurow akɛse anan mu.” Na boayikuw ahorow no bɛbɔ mmɔden ahwehwɛ nnuruyɛfo a wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛte yɛn ase wɔ afã a Kristofo gyina wɔ mogya ho no ho. Na wɔbɛboa anuanom nso bere a mogya ho nsɛnnennen asɔre no.

Wɔpaw Remegio sɛ ɔnka Ayaresabea Ntam Nkitahodi Boayikuw no ho wɔ Baguio. Bere a bere kɔɔ so no, nnuruyɛfo fii ase huu adwuma yi so mfaso. Remegio kae bere bi a nnuruyɛfo pii a wɔne Ayaresabea Ntam Nkitahodi Boayikuw no hyiae no pɛe sɛ wohu ɔkwan a wɔbɛfa so asa Adansefo a wɔyare a wonnnye mogya no yare no. Remegio kae sɛ: “Nnuruyɛfo no fii ase bisabisaa nsɛm, nanso na minhu nea menka efisɛ na wɔn nsɛmmisa no mu dɔ yiye.” Ɔbɔɔ Yehowa mpae hwehwɛɛ mmoa a ɔde bedi asɛnnennen yi ho dwuma. Remegio toaa so sɛ: “Asɛmmisa biara akyi no, nnuruyɛfo foforo maa wɔn nsa so kaa sɛnea na wɔadi tebea a ɛte saa ho dwuma ho asɛm.” Remegio ani gyee mmoa a onyae no ho titiriw efisɛ nsɛmmisa ne mmuae no kɔɔ so nnɔnhwerew abien.

Mprempren boayikuw ahorow 21 na ɛwɔ ɔman no mu nyinaa, a anuanom 77 na wɔwom. Danilo, Ɔdansefo bi a ɔyɛ oduruyɛfo, ka sɛ: “Nnuruyɛfo nim sɛ ayarefo a wɔyɛ Adansefo no wɔ ahyehyɛde bi a efi ɔdɔ mu boa wɔn na edwen wɔn ho.” Mfiase no na oduruyɛfo bi mpɛ sɛ ɔyɛ onua bi oprehyɛn bere a ɔremma no mogya. Nanso, onua no gyinaa pintinn. Wɔyɛɛ no oprehyɛn no a asɛm biara amma ho. Ayaresabea Ho Nsɛm Dwumadibea no bɔ amanneɛ sɛ: “Onua no ho a ɛtɔɔ no no maa oduruyɛfo no ho dwiriw no. Ɔkae sɛ: ‘Migyina nea asi wɔ ha yi so ka sɛ, sɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ mo asɔremma no mu bi saa oprehyɛn yi a ɔrennye mogya a, mede anigye bɛyɛ.’”