Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mmabun A Wɔma Yehowa Koma Ani Gye

Mmabun A Wɔma Yehowa Koma Ani Gye

Mmabun A Wɔma Yehowa Koma Ani Gye

Wosiesiee adesua nsɛm yi maa mmabun a wɔwɔ Yehowa Adansefo mu titiriw. Enti, yɛhyɛ mmabun nkuran sɛ wonsua asɛm yi yiye na womfi wɔn pɛ mu mma mmuae bere a wɔresusuw ho wɔ asafo Ɔwɛn-Aban Adesua ase no.

“Me ba, yɛ onyansafo, na ma me koma ntɔ me yam, na manya asɛm mabua nea ɔbɔ me ahohora.”—Mmebusɛm 27:11.

1, 2. (a) Kyerɛkyerɛ mu sɛ ebia w’ani a ebegye wiase nneɛma ho kɛkɛ no kyerɛ sɛ womfata sɛ wobɛyɛ Kristoni anaa. (Romafo 7:21) (b) Dɛn na wusua fi Asaf nhwɛso no mu? (Hwɛ adaka no, kratafa 13.)

FA NO sɛ woretɔ ntade. Bere a worehwehwɛ mu no, wuhu atade bi a w’ani gye ho ntɛm ara. W’ani gye kɔla ne sɛnea wɔapam no no ho, na ne bo nso nyɛ den pii. Afei wohwɛ atade no yiye. Wo ho dwiriw wo sɛ wuhu sɛ atade no anoano atetew, na wɔampam no yiye. Ɛwom sɛ atadetam no yɛ fɛ, nanso wɔampam no yiye. So wobɛsɛe wo sika wɔ ade a enni mu saa ho?

2 Fa eyi toto tebea bi a wubetumi ahyia sɛ Kristoni ɔbabun no ho hwɛ. Sɛ wohwɛ nneɛma a ɛwɔ wiase yi mu nea edi kan—te sɛ atade no—a, ebetumi ayɛ sɛ nea ɛyɛ fɛ yiye. Sɛ nhwɛso no, ebia wo mfɛfo sukuufo bɛkɔ apontow ahorow a ɛyɛ anigye ase, wɔbɛnom nnubɔne, anom nsa, mmerante ne mmabaa bɛyɛ nhyehyɛe afi adi, na wɔde wɔn ho ahyɛ ɔbarima ne ɔbea nna a edi aware anim mu. Sɛ ɛtɔ bere bi a, so asetra kwan a ɛte saa no twetwe wo? So wo kɔn dɔ sɛ wubenya wɔn ahofadi no mu anigye kakra? Sɛ wote nka saa a, mpere wo ho nka sɛ wo komam nsusuwii nye na womfata sɛ wobɛyɛ Kristoni. Anyɛ yiye koraa no, Bible gye tom sɛ wiase nnaadaa no betumi ayɛ nea emu yɛ den—ama obi a ɔpɛ sɛ ɔsɔ Onyankopɔn ani mpo.—2 Timoteo 4:10.

3. (a) Dɛn nti na mfaso nni so sɛ yebedi wiase nneɛma akyi? (b) Ɔkwan bɛn so na Kristoni bi kyerɛkyerɛ sɛnea wiase nneɛma akyidi yɛ ahuhude no mu?

3 Afei gyen w’ani hwɛ nneɛma yiye sɛnea anka wobɛhwɛ atade a w’ani gye ho a wopɛ sɛ wotɔ no. Bisa wo ho sɛ, ‘Nneɛma nhyehyɛe yi mu nneɛma di mũ dɛn?’ Bible ka sɛ ‘wiase retwam.’ (1 Yohane 2:17) Anigye biara a wubenya afi mu no yɛ bere tiaa mu de. Afei nso, amanehunu kɛse bata nneyɛe bɔne ho. Ɛnyɛ ade a ne bo yɛ mmerɛw ɔkwan biara so. Kristoni bi a na ɛsɛ sɛ otwa “ne mmabunbere mu aba bɔne” no ka sɛ: “Wiase no betumi ayɛ sɛ nea ɛyɛ anigye na ɛtwetwe adwene. Na ɛpɛ sɛ wugye di sɛ wubetumi anya emu anigyede mu kyɛfa a ɛyaw biara nnim. Nanso, eyi ntumi nyɛ yiye. Wiase no de wo bedi dwuma, na sɛ ɛde wo di dwuma wie a, ɛbɛtow wo akyene.” * Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wosɛe wo mmabunbere wɔ asetra kwan a mfaso nni so saa ho?

Ahobammɔ a Wubenya Afi ‘Ɔbɔnefo no’ Ho

4, 5. (a) Aka kakra ma Yesu awu no, dɛn na ɔsrɛ fii Yehowa hɔ wɔ mpaebɔ mu? (b) Dɛn nti na na eyi yɛ adesrɛ a ɛfata?

4 Bere a mmabun a wɔwɔ Yehowa Adansefo mu hu sɛ ade pa biara nni hɔ a wobenya wɔ nneɛma nhyehyɛe yi mu no, wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛkwati wiase yi adamfofa. (Yakobo 4:4) So woyɛ mmabun anokwafo yi mu biako? Sɛ ɛte saa a, wofata nkamfo. Nokwarem no, ɛnyɛ mmerɛw sɛ wobɛko atia atipɛnfo nhyɛso na woayɛ soronko wɔ w’atipɛnfo mu, nanso obi wɔ hɔ a ɔbɛboa wo.

5 Aka kakra ma Yesu awu no, ɔbɔɔ mpae sɛ Yehowa ‘nhwɛ’ n’asuafo no so ‘esiane ɔbɔnefo no nti.’ (Yohane 17:15) Biribi pa bi nti na Yesu de adesrɛ yi too N’agya anim. Na onim sɛ mudi mu a n’akyidifo bekura no renyɛ mmerɛw, ɛmfa ho mfe a wɔadi. Dɛn ntia? Ade biako ne sɛ, sɛnea Yesu gye toom no, na n’asuafo no behyia ɔtamfo bi a ɔyɛ den a aniwa nhu no—‘ɔbɔnefo no,’ Satan Bonsam. Bible ka sɛ honhom abɔde bɔne yi “nam sɛ gyata a ɔbobom hwehwɛ nea obenya no amene.”—1 Petro 5:8.

6. Yɛyɛ dɛn hu sɛ Satan nni mmofra ho ayamhyehye biara?

6 Wɔ abakɔsɛm nyinaa mu no, Satan ani agye ho kɛse sɛ ɔde atirimɔdenne a ɛsen biara bɛba nnipa so. Susuw amanehunu a ɛyɛ hu a Satan de baa Hiob ne n’abusua so no ho hwɛ. (Hiob 1:13-19; 2:7) Ebia wubetumi akae nsɛm bi a asisi a wotee ho asɛm wɔ w’ankasa asetram a wutumi hu sɛ ɛyɛ Satan nneyɛe basabasa no bi. Ɔbonsam rebobom, na sɛ ɔrepɛ obi amene no a, onhu mmabun mmɔbɔ. Sɛ nhwɛso no, wɔ afeha a edi kan Y.B. mfiase no, Herode yɛɛ nhyehyɛe ma wokunkum Betlehem mmarimaa a wɔadi mfe abien ne wɔn a wonnya nnii saa nyinaa. (Mateo 2:16) Ɛda adi sɛ ɛyɛ Satan na ɔhyɛɛ Herode nkuran—a nea enti a ɔyɛɛ saa nyinaa ne sɛ ɔbɛsɛe abofra a na da bi ɔbɛba abɛyɛ Onyankopɔn Mesia a wɔahyɛ ne ho bɔ no, na ɔde Onyankopɔn atemmu aba Satan so no! (Genesis 3:15) Ɛda adi pefee sɛ Satan nni mmofra ho ayamhyehye biara. Ne botae ara ne sɛ ɔbɛmene nnipa dodow biara a obetumi. Eyi te saa titiriw nnɛ, efisɛ wɔatow Satan fi soro aba asase so, “na wafa abufuw kɛse, efisɛ onim sɛ ne bere a ɔwɔ yɛ tiaa.”—Adiyisɛm 12:9, 12.

7. (a) Ɔkwan bɛn so na Yehowa da nsow wɔ Satan ho koraa? (b) Yehowa te nka dɛn wɔ anigye a wubenya ho?

7 Nea ɛne Satan a wafa “abufuw kɛse” no bɔ abira koraa no, Yehowa wɔ ‘ayamhyehye.’ (Luka 1:78) Ɔno ne ɔdɔ farebae. Nokwarem no, saa su titiriw yi da adi wɔ yɛn Bɔfo no mu araa ma Bible ka sɛ: “Onyankopɔn ne dɔ.” (1 Yohane 4:8) Hwɛ nsonsonoe ara a ɛda nneɛma nhyehyɛe yi nyame ne Onyankopɔn a woanya hokwan sɛ wobɛsom no no ntam! Bere a Satan rehwehwɛ nnipa amene wɔn no, Yehowa ‘mpɛ sɛ nnipa bi bɛyera.’ (2 Petro 3:9) Obu onipa biara nkwa sɛ ɛsom bo—a wo de ka ho. Sɛ Yehowa tu wo fo wɔ N’asɛm mu sɛ nyɛ wiase no fã a, ɛnyɛ sɛ ɔreka anigye a wubenya wɔ asetram anaa w’ahofadi ahyɛ. (Yohane 15:19) Mmom no, ɔrehwɛ wo so esiane ɔbɔnefo no nti. Wo soro Agya no pɛ sɛ wunya biribi a eye sen wiase yi mu anigye a etwam kɔ no koraa. Ne pɛ ne sɛ wubenya “nokware nkwa”—daa nkwa wɔ paradise asase so. (1 Timoteo 6:17-19) Yehowa pɛ sɛ esi wo yiye, na ɔrehyɛ wo nkuran ma woadu saa botae no ho. (1 Timoteo 2:4) Afei nso, Yehowa to nsa frɛ wo ɔkwan soronko so. Ɛyɛ ɔkwan bɛn?

“Ma Me Koma Ntɔ Me Yam”

8, 9. (a) Akyɛde bɛn na wubetumi de ama Yehowa? (b) Sɛnea wɔakyerɛkyerɛ mu wɔ Hiob asɛm no mu no, ɔkwan bɛn so na Satan bɔ Yehowa ahohora?

8 So woatɔ akyɛde bi ama w’adamfo paa bi, na bere a w’adamfo no gyei no, wuhui sɛ ne ho a adwiriw no ne anisɔ a wanya no ama n’anim ayɛ sereserew pɛn? Ebia wode bere tenten na esusuw dekode a ɛfata sɛ wode kyɛ saa nipa no ho. Afei susuw saa asɛm yi ho hwɛ: Akyɛde bɛn na wubetumi de ama wo Bɔfo no, Yehowa Nyankopɔn? Mfiase no, ebia ɛbɛyɛ wo sɛ nea ntease nni asɛm yi mu koraa. Dɛn na Ade Nyinaa so Tumfoɔ no hia fi onipa desani hɔ? Dɛn na wubetumi de ama no a onni bi dedaw? Bible ma mmuae wɔ Mmebusɛm 27:11 sɛ: “Me ba, yɛ onyansafo, na ma me koma ntɔ me yam, na manya asɛm mabua nea ɔbɔ me ahohora.”

9 Sɛnea ebia wonam Bible sua so ahu no, ɛyɛ Satan Bonsam na ɔbɔ Yehowa ahohora. Ɔkyerɛ sɛ ɛnyɛ ɔdɔ mu na nnipa fi som Onyankopɔn na mmom pɛsɛmenkominya mu. Satan kyerɛ sɛ, sɛ nnipa hyia amanehunu a wobegyae nokware som ntɛm. Sɛ nhwɛso no, susuw nea Satan ka kyerɛɛ Yehowa faa ɔtreneeni Hiob ho no ho hwɛ: “So ɛnyɛ wo na woabɔ ɔno ne ne fi ne ade a ɔwɔ nyinaa ho ban ahyia? Ne nsa ano adwuma woahyira so, na n’afieboa ase afɛe asase no so. Na afei teɛ wo nsa ka nea ɔwɔ nyinaa hwɛ, sɛ ɔrennome anaa!”—Hiob 1:10, 11.

10. (a) Yɛyɛ dɛn hu sɛ ɛnyɛ Hiob nko na Satan maa ne mudi mu kura ho baa asɛm? (b) Ɔkwan bɛn so na wo ho wɔ tumidi ho ɔsɛmpɔw no mu?

10 Sɛnea wɔada no adi wɔ Bible mu no, ɛnyɛ Hiob nko nokwaredi na Satan maa ɛho baa asɛm na mmom afoforo a wɔsom Onyankopɔn nyinaa nso—a woka ho. Nokwarem no, bere a Satan reka adesamma nyinaa ho asɛm no, ɔka kyerɛɛ Yehowa sɛ: “Nea onipa [ɛnyɛ Hiob nko na mmom obiara] wɔ nyinaa, ɔde ma pere ne kra.” (Hiob 2:4) So wuhu dwuma a wudi wɔ asɛnhia yi mu? Sɛnea wɔada no adi wɔ Mmebusɛm 27:11 no, Yehowa reka sɛ biribi wɔ hɔ a wubetumi de ama no—biribi a obegyina so abua nea ɔbɔ no ahohora, Satan. Susuw ho hwɛ—Amansan Hene no refrɛ wo sɛ bɛboa ma wonni ɔsɛmpɔw a ɛsen biara ho dwuma. Asɛyɛde a ɛyɛ nwonwa ne hokwan soronko bɛn na woanya sɛɛ yi! So wubetumi adi nea Yehowa rehwehwɛ afi wo hɔ no ho dwuma? Hiob yɛɛ saa. (Hiob 2:9, 10) Saa na Yesu ne afoforo pii, a mmabun bebree ka ho, ayɛ wɔ abakɔsɛm nyinaa mu. (Filipifo 2:8; Adiyisɛm 6:9) Wubetumi ayɛ saa ara. Nanso, ade biako ne sɛ, sɛnea ɛte biara no, ɛsɛ sɛ wugyina ɔfã bi wɔ asɛm yi mu. Wonam wo nneyɛe so bɛkyerɛ sɛ wugyina Satan ahohorabɔ no akyi anaasɛ worema Yehowa anya asɛm abua Satan. Nea ɛwɔ he na wubegyina akyi?

Yehowa Dwen Wo Ho!

11, 12. So ɛka Yehowa sɛ wobɛsom no anaasɛ wonsom no? Kyerɛkyerɛ mu.

11 So nea wobɛpaw no ho hia Yehowa ankasa? So nnipa pii nnii nokware dedaw mmaa no nnyaa mmuae a ɛfata mmaa Satan? Ɛyɛ ampa sɛ Ɔbonsam kae sɛ obiara nni hɔ a ofi ɔdɔ mu som Yehowa, sobo a wɔabua no dedaw sɛ ɛyɛ atoro. Nanso, Yehowa pɛ sɛ wugyina n’afa wɔ tumidi ho ɔsɛmpɔw no mu efisɛ odwen wo ho sɛ ankorankoro. Yesu kae sɛ: “Ɛnyɛ mo agya a ɔwɔ soro no apɛde sɛ nketewa yi mu biako bɛyera.”—Mateo 18:14.

12 Ɛda adi sɛ, ɔkwan a wobɛpaw no ho hia Yehowa. Nea ɛsen saa no, ɛka no. Bible da no adi sɛ Yehowa wɔ atenka a ɛkɔ akyiri, na nneɛma pa anaa nneɛma bɔne a nnipa yɛ no ka no. Sɛ nhwɛso no, bere a Israelfo kɔɔ so tew atua no, ɛyɛɛ Yehowa ‘yaw.’ (Dwom 78:40, 41) Ansa na Noa bere so Nsuyiri no reba, bere a na “nnipa bɔne dɔɔso pii asase so” no, “ɛyɛɛ [Yehowa] yaw ne komam.” (Genesis 6:5, 6) Susuw nea eyi kyerɛ no ho hwɛ. Sɛ wofa ɔkwammɔne so a, woma wo Bɔfo no di yaw. Eyi nkyerɛ sɛ Onyankopɔn yɛ mmerɛw anaasɛ ne nkate hyɛ ne so. Mmom no, ɔdɔ wo na odwen wo yiyedi ho. Nanso, sɛ woyɛ nea ɛteɛ a, Yehowa koma ani gye. Ɛnyɛ sɛ wanya asɛm foforo abua Satan nko nti na n’ani gye, na mmom, sɛ afei obetumi abɛyɛ wo Katuafo nso. Na ɛyɛ biribi a ɔpɛ sɛ ɔyɛ. (Hebrifo 11:6) Hwɛ Agya a ɔwɔ dɔ a wowɔ sɛ Yehowa Nyankopɔn!

Nhyira Pii a Wubenya Nnɛ

13. Ɔkwan bɛn so na Yehowa som mu wɔ nhyira mprempren mpo?

13 Ɛnyɛ daakye nko na wubenya nhyira a efi Yehowa som mu ba no. Mmabun pii a wɔwɔ Yehowa Adansefo mu nya anigye ne abotɔyam mprempren, na ntease wom. Odwontofo no kyerɛwee sɛ: “[Yehowa, NW] ahyɛde teɛ, ɛma koma tɔ yam, [Yehowa, NW] mmarahyɛ ho tew, na ɛtew ani.” (Dwom 19:8) Yehowa nim nea eye ma yɛn sen onipa biara. Yehowa nam odiyifo Yesaia so kae sɛ: “Me [Yehowa, NW], wo Nyankopɔn, mene nea ɔkyerɛ wo nea eye ma wo, na ogya wo kɔ ɔkwan a fa so no so. Sɛ wowɛn w’aso ma me mmara nsɛm ɛ, anka w’asomdwoe bɛyɛ sɛ asubɔnten, na wo trenee ayɛ sɛ po asorɔkye.”—Yesaia 48:17, 18.

14. Ɔkwan bɛn so na Bible nnyinasosɛm ahorow betumi aboa wo ma woakwati ɛka a ɛyɛ yaw?

14 Bible nnyinasosɛm akyi a wubedi no bɛboa wo ma woakwati ɛyaw ne awerɛhow pii. Sɛ nhwɛso no, Bible ka sɛ wɔn a wɔn ani bere sika no ‘de yaw pii awowɔ wɔn ho.’ (1 Timoteo 6:9, 10) So w’atipɛnfo no mu bi ahyia asɛm a emu yɛ den a kyerɛwsɛm yi da no adi no bi? Mmerante ne mmabaa bi de ka pii esiane sɛ wɔpɛ sɛ wonya ntade a adwumakuw bi a agye din ayɛ a ne bo yɛ den ne mfiri a aba so foforo nti. Sɛ́ wobɛde ka a ɛho mfɛntom akɛseakɛse a wode bere tenten betua wɔ nneɛma a wuntumi ntɔ ntua ka amonom hɔ ara ankasa ho no yɛ nkoayɛ a ɛyɛ yaw!—Mmebusɛm 22:7.

15. Akwan bɛn so na Bible nnyinasosɛm ahorow bɔ wo ho ban fi ɛyaw a nna mu ɔbrasɛe de ba no ho?

15 Susuw nna mu ɔbrasɛe nso ho hwɛ. Wɔ wiase nyinaa no, afe biara mmeawa a wɔadu mpanyin mfe so a wɔnwaree pii na wonyinsɛn. Ebinom wo mma a wɔmpɛ anaasɛ wontumi ntete wɔn. Afoforo tu nyinsɛn no gu na wɔn ahonim haw wɔn yiye. Afei mmerante ne mmabaa a wonya nna mu nyarewa te sɛ AIDS nso wɔ hɔ. Nokwarem no, obi a onim Yehowa fam no, ɔhaw a ɛsen biara no bɛyɛ ɔne Yehowa ntam abusuabɔ a ɛsɛe. * (Galatifo 5:19-21) Ntease wom sɛ Bible ka sɛ: “Munguan aguamammɔ!”—1 Korintofo 6:18.

“Anigye Nyankopɔn” no a Wobɛsom No

16. (a) Yɛyɛ dɛn hu sɛ Yehowa pɛ sɛ w’ani gye wo mmabunbere mu? (b) Dɛn nti na Yehowa de akwankyerɛ ahorow ma sɛ di akyiri?

16 Bible ka Yehowa ho asɛm sɛ “anigye Nyankopɔn.” (1 Timoteo 1:11, NW) Ɔpɛ sɛ wo nso w’ani gye. Nokwarem no, n’ankasa Asɛm ka sɛ: “Gye w’ani wo mmabunbere mu. Ma w’ani nnye bere a woda so yɛ ɔbabun no.” (Ɔsɛnkafo 11:9, Today’s English Version) Nanso Yehowa hu ade kɔ akyiri sen nea yehu mprempren, na obetumi ahu nea ebefi nneyɛe pa ne nneyɛe bɔne nyinaa mu aba bere bi akyi no. Ɛno nti na otu wo fo sɛ: “Na kae wo bɔfo wo mmerantebere mu ansa na nna bɔne no aba, na mfe a wobɛka sɛ: minni ho anigye, no adu.”—Ɔsɛnkafo 12:1.

17, 18. Ɔkwan bɛn so na Kristoni kumaa bi kaa anigye a wanya wɔ Yehowa som mu ho asɛm, na ɔkwan bɛn so na wubetumi anya anigye a ɛte saa ara?

17 Ɛnnɛ, mmabun pii anya anigye kɛse wɔ Yehowa som mu. Sɛ nhwɛso no, Lina a wadi mfirihyia 15 no ka sɛ: “Mewɔ ahotoso ne obu. Mewɔ nipaduam ahoɔden esiane sɛ matwe me ho afi sigaretnom ne nnubɔnenom ho nti. Manya akwankyerɛ a mfaso wɔ so afi asafo no mu a ɛboa me ma meko tia Satan nhyɛso bɔne no. M’anim ayɛ sereserew esiane fekubɔ a ɛhyɛ nkuran a minya wɔ Ahenni Asa so no nti. Nea ɛsen ne nyinaa no, mewɔ anidaso a ɛsen biara a ɛne daa nkwa a menya wɔ asase so no.”

18 Te sɛ Lina no, Kristofo mmabun pii reko denneennen ama gyidi no, na eyi ma wonya anigye. Wohu sɛ wɔn asetra—ɛwom sɛ ɛtɔ mmere bi a ɛyɛ den de—wɔ atirimpɔw ne daakye a anidaso wom ankasa. Enti, kɔ so som Onyankopɔn a wo yiyedi ho hia no sen biara no. Ma ne koma ani nnye, na ɔbɛma w’ani agye nnɛ de akosi daa!—Dwom 5:11.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 3 Hwɛ asɛm a ɛne “Nokware no Ma Minyaa Me Nkwa Bio” a ɛwɔ November 8, 1996, Nyan! mu no.

^ nky. 15 Ɛyɛ awerɛkyekye sɛ wubehu sɛ sɛ obi nu ne ho, gyae bɔne yɛ, na ɔka ne bɔne kyerɛ a, Yehowa “firi a ɔde befiri dɔɔso.”—Yesaia 55:7.

So Wokae?

• Asiane bɛn na wuhyia fi ‘ɔbɔnefo’ Satan hɔ?

• Wobɛyɛ dɛn atumi ama Yehowa koma ani agye?

• Ɔkwan bɛn so na Bible da no adi sɛ Yehowa dwen wo ho?

• Yehowa som mu nhyira ahorow no bi ne dɛn?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 13]

Anka Ɔtreneeni Reyɛ Afom Kwan

Ná Asaf yɛ Lewini a wagye din wɔ nnwonto mu wɔ Yehowa asɔrefie a na ɛwɔ tete Israel no. Ɔhyehyɛɛ nnwom pii a na wɔto de som mpo. Nanso, ɛmfa ho hokwan ahorow soronko a na Asaf wɔ no, bere bi ohui sɛ n’ani agye ne bere sofo a na ɛte sɛ nea wobu Onyankopɔn mmara so a wɔnyɛ wɔn hwee no nneyɛe bɔne no ho. Akyiri yi, Asaf kae sɛ: “Anka me nan reyɛ aman, m’anammɔn rekame awatiriw. Na metwee ahupoofo ho ninkunu, efisɛ mihuu abɔnefo yiye a wodi no.”—Dwom 73:2, 3.

Akyiri yi, Asaf kɔɔ Onyankopɔn kronkronbea hɔ kɔbɔɔ asɛm no ho mpae. Bere a osusuw nneɛma ho yiye wɔ honhom fam no, ɔtee ase sɛ Yehowa kyi bɔne, ɛne sɛ, bere bi akyi no, abɔnefo ne treneefo nyinaa betwa nea wogu. (Dwom 73:17-20; Galatifo 6:7, 8) Nokwarem no, abɔnefo gyina baabi a ɛhɔ yɛ toro. Awiei koraa no, sɛ Yehowa sɛe nhyehyɛe bɔne yi a, wɔbɛhwe ase.—Adiyisɛm 21:8.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 15]

Bere a Satan botae ne sɛ ɔbɛmene wo no, wo yiyedi ho hia Yehowa sen biara

[Mfonini wɔ kratafa 16]

Mmabun pii renya anigye kɛse denam wɔn mfɛfo Kristofo a wɔne wɔn resom Yehowa no so