Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Honhom Fam Gyinapɛn Ahorow Ɛhe na Ani Kyerɛ?

Honhom Fam Gyinapɛn Ahorow Ɛhe na Ani Kyerɛ?

Honhom Fam Gyinapɛn Ahorow Ɛhe na Ani Kyerɛ?

“Awarefo dunum kɔɔ [Katolekfo] anwummere dwumadi bi a wɔde tu wɔn a wɔrebɛware foforo fo ase. Nnipa 30 a na wɔwɔ hɔ no mu 3 pɛ na wɔkyerɛe sɛ wɔwɔ gyidi.”​—La Croix, France Katolekfo atesɛm krataa.

NYAMESOM mu gyinapɛn ahorow ho aba asɛm. Newsweek a ɛbae July 12, 1999, a wɔde kɔ amannɔne no bisaa asɛm yi wɔ anim sɛ: “So Onyankopɔn Awu Anaa?” Mmuae a nsɛmma nhoma no de maa wɔn a wɔwɔ Europa atɔe fam no kyerɛ sɛ ɛbɛyɛ sɛ ɛte saa. Bere a Francefo atesɛm krataa Le Monde de Katolek Asɔre no bagua nhyiam a wɔyɛɛ no Rome wɔ October saa afe no ara mu ho amanneɛbɔ rema no, ɛkae sɛ: “Ɛkɔ so yɛ den ma Asɔre no sɛ ɛbɛda ne nkrasɛm adi akyerɛ nnipa a ‘wɔmpɛ atie’ no. . . . Wɔ Italy no, Katolekfo nyinaa nkyerɛkyerɛ ne wɔn nneyɛe nyɛ biako bio. . . . Wɔ Germany no, anobaabae a wɔredi wɔ mmeae a wogye yafunu a wotu gu ho akwankyerɛ no retetew pope no ne aban a ɛnyɛɛ n’adwene sɛ ebegye asɔre no nsɛm a ɛyɛ katee no atom bio no mu. Nnipa binom ka sɛ [Netherlands] man no gyinabea wɔ abrabɔ pa ne kum a wokum nnipa a wohu amane ho no fi Kristosom a wɔagyae.”

Tebea no te saa ara wɔ mmeae foforo. Wɔ 1999 mu no, Canterbury Sɔfopɔn, George Carey, bɔɔ kɔkɔ sɛ, Anglikan Asɔre no “begu wɔ awo ntoatoaso biako mu.” Francefo atesɛm krataa Le Figaro kae wɔ asɛm a n’asɛmti ne “Europafo a Wɔpɛ Kristosom Awiei” mu sɛ: “Wotumi hu biribi a ɛte saa ara wɔ baabiara. . . . Nkurɔfo adwenem afi ase reyɛ wɔn naa nkakrankakra wɔ abrabɔ mu nnyinasosɛm ne nsusuwii ahorow ho.”

Nyamesom mu Nneyɛe a Ɛso Retew

Nnipa dodow a wɔkɔ asɔre wɔ Europa no so retew ntɛmntɛm. France Katolekfo a wɔkɔ Mass Kwasida biara no nnu wɔn mu ɔha mu 10, bere a Paris Katolekfo ɔha mu 3 kosi 4 pɛ na wɔkɔ asɔre daa. Saa ara na nnipa a wɔkɔ asɔre wɔ United Kingdom, Germany, ne Scandinavia aman mu no so atew, na mpo ebinom de sen saa.

Nea ɛhaw nyamesom atumfoɔ koraa ne nnipa a wɔde wɔn ho hyɛ asɔfodi mu a wɔn so retew kɛse no. Wɔ nea ennu afeha biako mu no, asɔfo dodow a wɔwɔ France no so atew koraa, fi asɔfo 14 biara a wɔsom ɔmanfo 10,000 no so aba ɔsɔfo 1 a ɔsom ɔmanfo 10,000 so nnɛ. Wɔ Europa nyinaa no, sɛ wɔkyekyɛm pɛpɛɛpɛ a, mfe a asɔfo adi no rekɔ anim, na wɔrehu sɛnea wɔn so retew no wɔ aman te sɛ Ireland ne Belgium mpo mu. Bere koro no ara mu no, mmofra dodow a wɔkyerɛw wɔn din wɔ asɔre gyidikasɛm ho adesua mu no so tew ara na ɛretew, na ama Katolek Asɔre no daakye ho aba asɛm.

Ɛdefa nyamesom ho no, ɛte sɛ nea nkurɔfo nni mu ahotoso bio no. Francefo ɔha mu 6 pɛ na wogye di sɛ “wobetumi ahu nokware no wɔ ɔsom biako pɛ mu,” a sɛ wɔde toto ho a na ɛyɛ ɔha mu 15 wɔ 1981 ne ɔha mu 50 wɔ 1952. Nyamesom mu anibiannaso retrɛw. Nnipa dodow a wɔkyerɛ sɛ wonni ɔsom biara mu no akɔ anim fi ɔha mu 26 wɔ 1980 akosi ɔha mu 42 wɔ 2000 mu.—Les valeurs des Français—Évolutions de 1980 à 2000 (Francefo Gyinapɛn—Sɛnea Ɛte Fi 1980 kosi 2000).

Abrabɔ Ho Gyinapɛn mu Nsakrae Titiriw

Gyinapɛn mu nsɛnnennen da adi wɔ abrabɔ mu nsɛm nso mu. Sɛnea yɛadi kan aka no, asɔrekɔfo pii nnye wɔn asɔre mmara a ɛfa abrabɔ ho no ntom. Wonnye asɛm a ɛne sɛ ɔsom mu akannifo wɔ hokwan sɛ wɔkyerɛ wɔn sɛnea wɔmmɔ wɔn bra no ntom. Nnipakuw a wɔbɔ gyee pope adwene a ɛfa hokwan a nnipa wɔ ho so no dan wɔn akyi ma no bere a ɔka nsɛm a ɛfa wɔn kokoam nsɛm ho no. Sɛ nhwɛso no, nnipa dodow no ara, a Katolekfo pii ka ho abu wɔn ani agu adwene a okura wɔ awo anosiw ho no so.

Su a ɛte sɛɛ yi ka nnipa a wɔpɛ nyamesom ne wɔn a wɔmpɛ nyamesom nyinaa wɔ asetram tebea nyinaa mu. Wɔpene nneyɛe a wɔkasa tia wɔ Kyerɛw Kronkron mu pefee no so. Mfe 20 a atwam ni no, na Francefo ɔha mu 45 mpene wɔn a wokura bɔbeasu biako a wɔda no so. Ɛnnɛ, wɔn mu ɔha mu 80 gye tom. Ɛwom sɛ nnipa dodow no ara na wogye aware mu nokwaredi tom de, nanso wɔn mu ɔha mu 36 pɛ na wɔkasa tia awaresɛe sɛ enye.—Romafo 1:26, 27; 1 Korintofo 6:9, 10; Hebrifo 13:4.

Nyamesom a Adi Afra

Wɔ Atɔe fam aman mu no, me-nko-me-som a ɛma obiara paw n’ankasa gyidi na ɛrekɔ so. Wogye nkyerɛkyerɛ bi tom, na wɔpo afoforo. Afoforo frɛ wɔn ho Kristofo bere a wogye di sɛ sɛ wowu a wɔbɛsan awo wɔn bio, na afoforo nso fi wɔn pɛ mu aka ɔsom ahorow pii gyidi abom a wodi akyi. (Ɔsɛnkafo 9:5, 10; Hesekiel 18:4, 20; Mateo 7:21; Efesofo 4:5, 6) Les valeurs des Français nhoma no daa no adi pefee sɛ gyidifo pii reman afi ɔsa a asɔre no twa too hɔ no ho a wɔrentumi nsan wɔn akyi bio.

Nanso asiane wɔ me-nko-me-som a nnipa pii redi akyi yi mu. Jean Delumeau a ɔyɛ abakɔsɛm kyerɛwfo na ɔyɛ Institut de France fekuw no muni no gye di denneennen sɛ onipa biara rentumi ntew ne ho mfi ahyehyɛde bi ho nhyehyɛ n’ankasa ne som mma ɛnyɛ yiye. “Gyidi a ne nnyinaso mfi ɔsom ahyehyɛde pɔtee bi mu no ntumi nnyina.” Ɛsɛ sɛ ɛne honhom fam gyinapɛn ne ɔsom mu nneyɛe a edi mu nya abusuabɔ. Ɛhefa na wobetumi anya abusuabɔ a ɛte saa wɔ nnipa a nneɛma mu nsakrae asɛe wɔn adwene no mu?

Bible mũ no nyinaa kae yɛn sɛ Onyankopɔn na ɔhyehyɛɛ nneyɛe ne abrabɔ ho gyinapɛn ahorow a eye de, nanso sɛ́ nnipa bedi akyi anaa wonni akyi no, wagyae ama wɔn. Nnipa ɔpepem pii a wɔwɔ wiase ahu sɛ nhoma a wofi tete akyerɛ ho anisɔ yi so wɔ mfaso nnɛ, na ɛyɛ ‘wɔn nan ase kanea, ne wɔn kwan so hann.’ (Dwom 119:105) Ɛyɛɛ dɛn na wonyaa saa adwene no? Yebesusuw eyi ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu.