Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Boas ne Rut Aware a na Ɛte sɛ Nea Entumi Nyɛ Yiye

Boas ne Rut Aware a na Ɛte sɛ Nea Entumi Nyɛ Yiye

Boas ne Rut Aware a na Ɛte sɛ Nea Entumi Nyɛ Yiye

OSUTƆBERE mu dwumadi ama awiporowbea a ɛbɛn Betlehem no ayɛ bagyabagya. Wɔayɛ adwuma da mũ no nyinaa. Awi foforo a wɔatõtõ a ɛreyi hua no ma adwumayɛfo a ɔkɔm de wɔn no hu sɛ bere aso sɛ wodidi. Obiara betwa ne brɛ so aba.

Boas, asase wura bi a ɔyɛ ɔdefo, didi nom ma ne bo tɔ ne yam, na ɔda dwudwo ne ho wɔ atoko a wɔaboa ano bebree bi ho. Akyiri yi, wɔde otwa ma da no ba n’awiei, na obiara hwehwɛ baabi pa gye n’ahome. Afei, Boas, a ne bo atɔ ne yam no, de ntama fura kɔda.

Kokoam Nhyiam Bi

Wɔ ɔdasum no, Boas nyan a awɔw de no na ne ho repo. Anwonwasɛm ne sɛ, na obi ahyɛ da ayi ne nan ho ntama, na na onii no da ne nan ase pɛɛ! Esiane sɛ esum no mma onhu onii ko nti, obisa sɛ: “Ɛyɛ wo hena?” Ɔbea nne gye so sɛ: “Ɛyɛ me, w’abaawa Rut. Trɛw w’atade mmuano mu fa kata w’abaawa so, na abusua mu gyefo ne wo.”—Rut 3:1-9.

Wɔn nkutoo kasae wɔ sum no mu. Ná mmea nkutoo nkɔ awiporowbea hɔ anadwo saa. (Rut 3:14) Nanso, ɛdenam Boas asɛm so no, Rut kɔɔ so daa ne nan ase kosii ahemadakye ansa na ɔresɔre akɔ, na ɔnam saayɛ so kwatii kasatia a ɛmfata.

So ɔbea ne barima ntam dɔ nti na wohyiaam? So Rut—ababaa kunafo hiani a ofi abosonsom man mu no—nam anifere so daadaa akwakora sikani yi? Anaasɛ na Boas refa Rut tebea ne ankonam a wayɛ no sɛ hokwan saa anadwo no? Saa nsɛmmisa no ho mmuae nyinaa fa nokware a wodi Nyankopɔn ne ɔdɔ a wɔdɔ no ho. Na nsɛm no nso ka koma ankasa.

Nanso hena ne Rut? Ná ne botae ne dɛn? Na hena ne saa ɔdefo, Boas, yi?

“Ɔbea Pa”

Mfe bi ansa na saa asɛm yi resi no, ɔkɔm sii Yuda. Israel abusua bi a emufo yɛ baanan—Elimelek; ne yere, Naomi; ne wɔn mmabarima baanu, Mahlon ne Kilion—tu kɔɔ Moab asase pa so. Wɔn mmabarima no waree Moabfo mmea baanu, Rut ne Orpa. Bere a mmarima baasa no wui wɔ Moab akyi no, mmea baasa no tee sɛ nneɛma ayɛ yiye wɔ Israel. Enti Naomi—a na wadan okunafo, a odi yaw, na onni mma anaa mmanana no—sii gyinae sɛ ɔbɛsan akɔ n’asase so.—Rut 1:1-14.

Bere a wɔnam kwan so rekɔ Israel no, Naomi ka kyerɛɛ Orpa sɛ ɔnsan nkɔ ne nkurɔfo nkyɛn. Afei Naomi ka kyerɛɛ Rut sɛ: “Hwɛ, wo kora asan kɔ ne manfo ne n’anyame nkyɛn. San di wo kora akyi!” Nanso Rut kae sɛ: “Nhyɛ me sɛ minnyaw wo . . . na nea wokɔ na mɛkɔ, . . . wo man bɛyɛ me man, na wo Nyankopɔn ayɛ me Nyankopɔn; nea wubewu, na mewu, na ɛhɔ ara na wobesie me.” (Rut 1:15-17) Enti akunafo baanu a wonni hwee yi san kɔɔ Betlehem. Ɔdɔ ne ɔhwɛ a Rut de maa n’asew no kaa kurom hɔfo no araa ma wobuu no sɛ “oye ma [Naomi] sen mmabarima baason.” Afoforo kaa ne ho asɛm sɛ ɔyɛ “ɔbea pa.”—Rut 3:11; 4:15.

Wɔ Betlehem no, bere a ɛbere soe sɛ wotwa atoko no, Rut ka kyerɛɛ Naomi sɛ: “Ma menkɔ mfuw mu minkodi mmɛtem no mpɛpɛw nea menya n’anim anuonyam akyi.”—Rut 2:2.

Rut kɔ Boas, a ɔyɛ n’asew barima, Elimelek, busuani afuw mu a onnim. Ɔsrɛ kwan fi ɔhwɛfo no hɔ sɛ ɔmma onni mpɛpɛw. Nsi a ɔde di mpɛpɛw no da nsow, na ɔhwɛfo no kamfo n’adwumayɛ kyerɛ Boas.—Rut 1:22–2:7.

Bammɔfo ne Ɔboafo

Boas yɛ Yehowa somfo mapa. Anɔpa biara, na Boas de nsɛm a edi so yi na ekyia n’awitwafo no: “[Yehowa, NW] nni mo akyi,” na na wɔn nso gye so sɛ: “[Yehowa, NW] nhyira wo.” (Rut 2:4) Bere a Boas huu nsi a Rut de yɛ adwuma ne sɛnea ɔbrɛ ne ho ase ma Naomi no, ɔmaa Rut beae titiriw bi a obedi mpɛpɛw. Ne tiawa mu no, ɔka kyerɛ no sɛ: ‘Mfi m’afuw yi mu; ɛho nhia sɛ wokɔ afoforo nkyɛn. Fa wo ho bɔ me mmaawa yi; biribiara bɛkɔ yiye ama wo. Mahyɛ mmerante no sɛ wɔnnhaw wo. Sɛ osukɔm de wo a, wɔbɛsaw nsu pa ama wo.’—Rut 2:8, 9.

Rut kotow fam ka sɛ: ‘Ɛdɛn nti na manya w’anim anuonyam, bere a meyɛ ɔnanani?’ Boas buae sɛ: “Nea wo kunu wu akyi woyɛɛ w’ase no nyinaa, wɔatu ase aka akyerɛ me: sɛnea wugyaw w’agya ne wo na ne asase a wɔwoo wo wɔ so, na wonam baa ɔman a wunnim wɔn da yi nkyɛn no. [Yehowa, NW] nhyɛ wo wo nneyɛe ananmu na nya akatua mũ.”—Rut 2:10-12.

Ná ɛnyɛ sɛ Boas reyɛ biribi ama Rut anya ne ho dɔ. Nkamfo a ɔde ma no fi komam. Rut ho dwo ankasa, na ɔdaa no ase wɔ awerɛkyekye a ɔde maa no no ho. Osusuw sɛ ɔmfata na ɔkɔ so yɛ adwumaden mpo. Akyiri yi, wɔ adidi bere no, Boas ka kyerɛ Rut sɛ: “Twiw bra ha na bedi aduan no bi, na fa wo buprɛko bɔ nsã nyinyanyinya no mu.” Odidi mee na ɔde nkae no kɔɔ fie kɔmaa Naomi.—Rut 2:14.

Ɛda no baa awiei no, na Rut atwa atoko bɛyɛ lita 22. Ɔde kaa nnikae no ho kɔɔ fie kɔmaa Naomi. (Rut 2:15-18) Awi bebree no maa Naomi de anigye bisae sɛ: ‘Ɛhe na wukodii mpɛpɛw nnɛ? Nhyira nka nea n’ani kuu wo ho no.’ Bere a Naomi hui sɛ Boas hɔ na okodii mpɛpɛw no, ɔka sɛ: “Nhyira nka no, [Yehowa, NW] a onnyaee ateasefo ne awufo adɔeyɛ no anim. . . . Ɔbarima no bɛn yɛn, ɔyɛ yɛn bogya.”—Rut 2:19, 20.

Ɔhwehwɛ “Ahomee”

Naomi a ɔpɛ sɛ onya “ahomee,” anaa ofie, ma n’asew bea no de hokwan no di dwuma yɛ ogye ho nhyehyɛe, sɛnea Onyankopɔn Mmara kyerɛ no. (Leviticus 25:25; Deuteronomium 25:5, 6) Afei Naomi kyerɛ Rut ade soronko nwonwaso bi—ɔkwan a ɔbɛfa so atwe Boas adwene. Rut a wɔakyerɛkyerɛ no yiye na wasiesie ne ho no kɔ Boas awiporowbea hɔ anadwo. Ohu sɛ wada. Oyi ne nan ho ntama twɛn sɛ obenyan.—Rut 3:1-7.

Bere a Boas nyan no, akyinnye biara nni ho sɛ Rut adeyɛ a ɛkyerɛ biribi no boa no ma ohu hia a n’adesrɛ no hia ma enti ‘ɔtrɛw n’atade mmuano mu de kata n’abaawa no so.’ Rut adeyɛ no ma Yudani akwakora yi hu n’asɛyɛde sɛ abusua mu gyefo no, efisɛ na ɔyɛ Rut kunu, Mahlon, a wawu no, busuani.—Rut 3:9.

Kɔ a Rut kɔɔ hɔ anadwo no yɛ biribi a na wɔnhwɛ kwan. Nanso, nea Boas yɛe no kyerɛ sɛ ka a Rut kae sɛ onnye no no nyɛ biribi a wɔnhwɛ kwan koraa. Boas nyaa ɔpɛ sɛ ɔbɛyɛ Rut adesrɛ no ho biribi.

Ɛbɛyɛ sɛ ɛnne a Rut de kasae no maa Boas nyaa adwene bi, na ɛkaa no maa ɔmaa Rut awerɛhyem sɛ: “Na afei, me ba, nsuro. Nea woka nyinaa, mɛyɛ mama wo, efisɛ me manfo a wɔfa kurow pon ano nyinaa nim sɛ woyɛ ɔbea pa.”—Rut 3:11.

Nea ɛkyerɛ sɛ Boas buu ade a Rut yɛe no sɛ mfomso biara nni ho no da adi wɔ ne nsɛm yi mu: “[Yehowa, NW] nhyira wo, me ba, woama w’akyiri adɔe ayɛ yiye sen kan de no.” (Rut 3:10) Kan adɔe no ne sɛ, Rut daa adɔe, anaa nokware dɔ adi kyerɛɛ Naomi. Akyiri adɔe no ne sɛ Rut fi ayamye mu daa ne ho adi kyerɛɛ Boas, ɔbarima a na ne mfe akɔ anim yiye, efisɛ na ɔyɛ abusua mu gyefo. Ná ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛwo mma ama Mahlon, ne kunu a wawu no, ne Naomi.

Abusua Mu Gyefo Bi Twe San

Ade kyee no, Boas soma kɔfrɛɛ obusuani bi a wɔfrɛ no ‘Asomasi,’ a ɔbɛn Naomi paa sen Boas. Wɔ kurom hɔfo ne kurom hɔ mpanyimfo anim no, Boas ka sɛ: ‘Naomi retɔn asase a ɛyɛ ne kunu Elimelek de no, na mepɛ sɛ miyi wo asotiw sɛ tɔ.’ Boas toa so sɛ: ‘So wobɛtɔ? Sɛ wontɔ de a, mɛtɔ.’ Bere a ɔkaa saa no, Asomasi ka sɛ ɔbɛtɔ asase no.—Rut 4:1-4.

Nanso Asomasi ho rebedwiriw no! Afei Boas ka wɔ adansefo no nyinaa anim sɛ: “Da a wobɛtɔ Naomi nsam asase no, wotɔ no Moabni bea Rut a ɔyɛ ɔsaman yere no nsam, na woma ɔsaman no din so n’awunnyade so.” Esiane sɛ odiadefo no suro sɛ ɔbɛsɛe n’ankasa awunnyade nti, ɔhwere hokwan a ɔde bɛyɛ ogyefo no, na ɔka sɛ: “Merentumi minnye memfa.”—Rut 4:5, 6.

Sɛnea amammerɛ kyerɛ no, ɛsɛ sɛ ɔbarima a ɔpo sɛ ɔbɛyɛ ogyefo no yi ne nan ase mpaboa de ma nea odi hɔ no. Enti bere a ogyefo no ka kyerɛ Boas sɛ, “Kogye m’ade a ɛsɛ sɛ migye no fa” no, oyi ne nan ase mpaboa. Afei Boas ka kyerɛ mpanyimfo ne ɔman no nyinaa sɛ: “Mone adansefo nnɛ, sɛ matɔ Elimelek ho nneɛma nyinaa ne Kilion ne Mahlon ho nneɛma nyinaa afi Naomi nsam. Na Moabni Rut, Mahlon yere no nso, matua ne ti ade aware no, na ɔsaman no din atra hɔ daa, n’agyapade mu . . . mone adansefo nnɛ!”—Rut 4:7-10.

Nnipa a wɔwɔ kurow pon ano hɔ nyinaa see Boas sɛ: “[Yehowa, NW] nyɛ ɔbea a waba wo fi no sɛ Rahel ne Lea a wɔn baanu akyekye Israel fi no. Na yɛ okunini wɔ Efrata, na gye din wɔ Bet-Lehem.”—Rut 4:11, 12.

Bere a nkurɔfo no hyira Boas no, ɔfa Rut sɛ ne yere. Ɔwo babarima ma no, na wɔto ne din Obed, na Rut ne Boas nam saayɛ so bɛyɛ Ɔhene Dawid ne awiei koraa no, Yesu Kristo nananom.—Rut 4:13-17; Mateo 1:5, 6, 16.

“Akatua Mũ”

Wɔ kyerɛwtohɔ no nyinaa mu no, efi n’ayamye so nkyia a edi kan a na ɔde kyia n’adwumayɛfo so kosi gye a ogyee asɛyɛde no toom sɛ ɔbɛkora Elimelek abusua no din so so no, Boas da ne ho adi sɛ ɔbarima a ɔda nsow—ɔbarima a osi ne bo yɛ nneɛma na ɔwɔ tumi. Bere koro no ara no, na ɔyɛ ɔbarima a ɔwɔ ahosodi, gyidi, na okura ne mudi mu. Ná Boas wɔ ayamye ne mmɔborohunu nso, na ne ho tew abrabɔ fam, na na odi Yehowa mmara so koraa.

Rut da nsow esiane ɔdɔ a onya maa Yehowa, nokware dɔ a onya maa Naomi, ne n’adwumaden ne n’ahobrɛase nti. Ɛnyɛ nwonwa sɛ nkurɔfo buu no sɛ “ɔbea pa.” Wanni “anihaw aduan,” na esiane n’adwumaden nti, na onya biribi a ɔne n’asew bea a ahia no no bɛkyɛ. (Mmebusɛm 31:27, 31) Bere a Rut gyee Naomi asɛyɛde too ne ho so no, ɛbɛyɛ sɛ onyaa anigye a efi ɔma mu ba no.—Asomafo no Nnwuma 20:35; 1 Timoteo 5:4, 8.

Nhwɛso pa a yehu wɔ Rut nhoma no mu bɛn ara ni! Yehowa kaee Naomi. Rut nyaa “akatua mũ” sɛ Yesu Kristo nanabea. Wohyiraa Boas maa onyaa “ɔbea pa.” Yɛn de, yenya gyidi ho nhwɛso fi saa nnipa no hɔ.

[Adaka wɔ kratafa 26]

Anidaso Ho Mpopoe

Sɛ wote nka sɛ wowɔ ahohia mu a, Rut asɛm no betumi ama woanya anidaso bi. Ɛda adi sɛ ɛyɛ Atemmufo nhoma no awiei a ɛho hia. Rut nhoma no ka sɛnea Yehowa de okunafo a odwo a ofi Moab ananafo asase so dii dwuma woo ɔhene maa ne nkurɔfo. Rut gyidi a ɛda adi wɔ Atemmufo nhoma no mu no hyerɛnee sɛ kanea saa bere no.

Sɛ wokenkan Rut nhoma no a, wubetumi anya awerɛhyem sɛ ɛmfa ho sɛnea mmere no yɛ hu fa no, Onyankopɔn dwen ne nkurɔfo ho bere nyinaa na odi n’atirimpɔw ho dwuma.