Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɛhe na Wubetumi Anya Honhom Fam Gyinapɛn Ahorow a Ɛyɛ Nokware?

Ɛhe na Wubetumi Anya Honhom Fam Gyinapɛn Ahorow a Ɛyɛ Nokware?

Ɛhe na Wubetumi Anya Honhom Fam Gyinapɛn Ahorow a Ɛyɛ Nokware?

RODOLPHE bisae wɔ fɛwdi kwan so sɛ: “Sɛ abusua amammerɛ nti na wubedi ɔsom bi akyi a, ɛnde dɛn nti na wompaw Celtfo som a yɛn nananom dii akyi mfe 2,000 a atwam ni no?” Asɛm no maa ne tiefo aberante no serewee.

Rodolphe kae sɛ: “Me ne Onyankopɔn ntam abusuabɔ ho hia me paa. M’ani nnye nsusuwii a ɛne sɛ ɛsɛ sɛ m’amammerɛ ma migye ɔsom mu gyidi ahorow tom esiane sɛ m’abusuafo a wɔtraa ase mfehaha pii ni no dii ɔsom pɔtee bi akyi nti no ho koraa.” Rodolphe de ntoboase susuw nneɛma ho yiye; wanni asɛnhia yi ho dwuma sɛ biribi a onya fii awo mu kɛkɛ.

Ɛwom sɛ ɔsom mu gyidi a wonya fi awo ntoatoaso mu no reba fam nnansa yi de, nanso nnipa dodow no ara da so ara fam wɔn abusua som ho. Nanso, so bere nyinaa na ɛteɛ sɛ obi bɛbata n’awofo som mu gyinapɛn ahorow ho? Dɛn na Bible no ka?

Bere a Israelfo dii mfe 40 wɔ sare so akyi no, Yosua a odii Mose ade no de sii wɔn anim sɛ: “Na sɛ ɛnyɛ mo pɛ sɛ mobɛsom [Yehowa, NW] a, ɛnde ɛnnɛ mompaw nea mobɛsom no mfa: sɛ anyame a mo agyanom somee a wɔwɔ asuogya no oo, sɛ Amorifo a mote wɔn asase so yi anyame oo, na me ne me fi de, yɛbɛsom [Yehowa, NW].”—Yosua 24:15.

Agyanom a Yosua kaa wɔn ho asɛm no mu biako ne Abraham papa, Tera, a ɔtraa Ur kurow a na saa bere no ɛda Eufrate Asubɔnten no apuei fam no. Bible no nka Tera ho nsɛm pii, na mmom nea ɛka ara ne sɛ na ɔsom anyame foforo. (Yosua 24:2) Bere a na ne ba Abraham nni Onyankopɔn atirimpɔw ho nimdeɛ pii no, na ɔwɔ ɔpɛ sɛ obefi ne kurom bere a Yehowa de ahyɛde maa no sɛ ɔnyɛ saa no. Yiw, Abraham paw ɔsom a ɛyɛ soronko fi n’agya de ho. Ɛdenam saayɛ so no, Abraham nyaa nhyira a Onyankopɔn de hyɛɛ no bɔ no, na ɔbɛyɛɛ onipa a ɔsom pii bu no sɛ “wɔn a wogye Onyankopɔn di nyinaa agya.”—Romafo 4:11, Today’s English Version.

Afei Bible ka Rut a ɔyɛ Yesu Kristo nanabea no ho asɛmpa. Rut, Moabni bea a na ɔware Israelni no bɛyɛɛ okunafo a na ɛsɛ sɛ osi gyinae bi: sɛ ɔbɛtra n’ankasa ne kurom anaasɛ ɔbɛsan ne n’asebea akɔ Israel. Bere a Rut huu sɛnea Yehowa som korɔn sen abosom a na n’awofo som no, ɔka kyerɛɛ n’asebea sɛ: “Wo man bɛyɛ me man, na wo Nyankopɔn ayɛ me Nyankopɔn.”—Rut 1:16, 17.

Bere a Dictionnaire de la Bible reka mfaso a ɛwɔ asɛm yi so wɔ Bible mu ho asɛm no, ɛkyerɛkyerɛ mu sɛ asɛm yi kyerɛ “sɛnea esiane Yehowa man ne wɔn som ho dɔ nti, ɔbea nanani a wɔwoo no too abosonsomfo a na wɔmpɛ Israelfo asɛm na Israelfo nso tan wɔn mu, . . . nam Onyankopɔn mmoa so bɛyɛɛ Ɔhene kronkron, Dawid, nanabea.” Rut antwentwɛn ne nan ase sɛ ɔbɛpaw ɔsom a na ɛyɛ soronko fi n’awofo de ho, ma ɔnam saa gyinaesi no so nyaa Onyankopɔn nhyira.

Asɛm a ɛfa Kristosom mfiase ho no ma nea enti a Yesu asuafo gyaee wɔn nananom som no mu da hɔ pefee. Wɔ kasa bi a etumi dan ti mu no, ɔsomafo Petro ka kyerɛɛ n’atiefo sɛ ‘wɔmma wonnye wɔn mfi nnɛ mma abusua kɔntɔnkye yi mu’ denam wɔn bɔne ho a wɔbɛsakra afi na wɔama wɔabɔ wɔn asu wɔ Yesu Kristo din mu so. (Asomafo no Nnwuma 2:37-41) Nhwɛso biako a ɛda nsow ne nea ɛfa Saulo, Yudani bi a na ɔtaa Kristofo ho no. Bere a ɔnam kwan so rekɔ Damasko no, ohuu Kristo wɔ anisoadehu mu, na ɛno akyi no, Saulo bɛyɛɛ Kristoni na wɔbɛfrɛɛ no, ɔsomafo Paulo.—Asomafo no Nnwuma 9:1-9.

Tete Kristofo no mu dodow no ara annya osuahu soronko a ɛte saa. Nanso, na ɛsɛ sɛ wɔn nyinaa gyae Yudasom anaa abosonsomfo anyame akyidi. Wɔn a wogyee Kristosom toom no yɛɛ saa a na wonim nokwasɛm ahorow no, na mpɛn pii no na ɛyɛ bere a wɔne wɔn asusuw dwuma a na Yesu di sɛ Mesia no ho akɔ akyiri ansa. (Asomafo no Nnwuma 8:26-40; 13:16-43; 17:22-34) Ná saa tete Kristofo no nim hia a na ehia sɛ wɔyɛ nsakrae horow wɔ wɔn asetram no. Wɔtoo nsa frɛɛ obiara, a na Yudafo ne wɔn a wɔnyɛ Yudafo nyinaa ka ho, nanso nkrasɛm no ansakra. Sɛ wɔbɛsɔ Onyankopɔn ani a, na ehia sɛ wodi ɔsom foforo, Kristosom akyi.

Gyinaesi a Ɛho Hia Yɛn

Akyinnye biara nni ho sɛ na egye akokoduru wɔ afeha a edi kan no mu na obi atumi apo n’abusua som—Yudasom, ɔhempɔn som, ne abosonsomfo anyame—mu amanne horow na ɔde ne ho akɔbɔ ɔsom bi a na Yudafo ne Romafo nyinaa di ho fɛw. Gyinaesi yi de ɔtaa a ano yɛ den baa wɔn so. Sɛnea Katolek sɔfo panyin Hippolyte Simon a ɔwɔ Clermont-Ferrand kae wɔ ne nhoma Vers une France païenne? (Wɔredan Fransefo Abosonsomfo?) mu no, ɛnnɛ, egye akokoduru a ɛte saa ara na ama obi atumi ako atia “nhyɛso a ɛbɛma wadi amanne a wɔwoo no toom akyi.” Egye akokoduru na obi atumi de ne ho abɔ ɔsom fekuw a emu nnipa nnɔɔso a ɛtɔ mmere bi a wɔkasa tia wɔn, Yehowa Adansefo, ho.

Ná ɛtɔ da bi a Paul, aberante a ofi Bastia, Corsica, a wɔtetee no wɔ Katoleksom mu no de ne ho hyɛ asɔre nnwuma te sɛ, keeki a wɔtɔn de pɛ sika ma Katolekfo adɔe kuw mu. Esiane sɛ na ɔpɛ sɛ onya Bible mu ntease a edi mu nti, ɔpenee so sɛ ɔne Yehowa Adansefo bɛbɔ Bible mu nkɔmmɔ daa. Bere kɔɔ so no, obehui sɛ nea ɔresua no de daa mfaso bɛbrɛ no. Ne saa nti, Paul gyee Bible gyinapɛn ahorow toom na ɔbɛyɛɛ Yehowa Dansefo. N’awofo kyerɛɛ obu maa ne gyinaesi no, na ansɛe abusuabɔ pa a ɛda wɔn ntam no.

Amélie te France anafo fam. N’abusuafo ayɛ Yehowa Adansefo wɔ awo ntoatoaso anan mu. Dɛn nti na osii gyinae sɛ obegye n’awofo som mu gyinapɛn ahorow atom? Ɔka sɛ: “Ɛnyɛ sɛ w’awofo anaa wo nananom yɛ Yehowa Adansefo nti na wobɛyɛ Yehowa Dansefo. Nanso da bi bɛba a, wobɛka akyerɛ wo ho sɛ, ‘Ɛyɛ me som efisɛ eyi na migye di.’” Te sɛ Yehowa Adansefo mmofra foforo no, Amélie nim sɛ ne som mu gyidi a esi pi no ma no nya atirimpɔw wɔ asetra mu, na ɛma onya anigye a ɛtra hɔ daa.

Nea Enti a Ɛsɛ sɛ Wugye Onyankopɔn Gyinapɛn Ahorow Tom

Mmebusɛm nhoma no ti 6, nkyekyɛm 20, hyɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔsɔ Onyankopɔn ani no nkuran sɛ: “Me ba, bu w’agya mmara nsɛm, na ntow wo na kyerɛ nkyene.” Sɛ anka ɛbɛkamfo sɛ wobetie wɔn ara kwa no, afotu a ɛte saa no hyɛ mmabun nkuran sɛ wonnye Onyankopɔn gyinapɛn ahorow ntom denam wɔn gyidi a wɔbɛhyɛ no den ne gyinae a wɔn ankasa besi agyina Onyankopɔn afa so. Ɔsomafo Paulo ka kyerɛɛ n’ayɔnkofo sɛ ‘wɔnsɔ ade nyinaa nhwɛ’ sɛ nea wɔrekyerɛkyerɛ wɔn no nyinaa ne Onyankopɔn Asɛm ne N’apɛde hyia anaa, na wonni so sɛnea ɛte.—1 Tesalonikafo 5:21.

Sɛ ebia wɔtetee Yehowa Adansefo mmofra ne mpanyin a wɔboro ɔpepem asia no wɔ Kristofo mmusua mu anaa ɛnte saa no, wɔasi gyinae a ɛte saa. Ɛdenam Bible no a wosua no yiye so no, wɔanya asetram atirimpɔw ho nsɛmmisa ho mmuae a edi mu, na wɔanya Onyankopɔn apɛde ma adesamma no mu ntease a emu da hɔ. Bere a wɔn nsa kaa nimdeɛ yi no, wogyee Onyankopɔn gyinapɛn ahorow toom, na wɔyɛ nea wobetumi biara sɛ wɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛde.

Sɛ́ ebia wotaa kenkan nsɛmma nhoma yi anaasɛ wonyɛ saa no, dɛn nti na wompene so mma Yehowa Adansefo mmɛboa wo mma wonhwehwɛ honhom fam gyinapɛn ahorow a ɛwɔ Bible mu no. Saa kwan yi so no, wubetumi ‘aka ahwɛ ahu sɛ Yehowa ye,’ na woanya nimdeɛ a sɛ wode di dwuma a, ɛde wo bɛkɔ daa nkwa mu.—Dwom 34:8; Yohane 17:3.

[Mfonini wɔ kratafa 5]

Yehowa Adansefo abusua awo ntoatoaso anan a wɔwɔ France

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Rut pawee sɛ ɔbɛsom Yehowa sen sɛ ɔbɛsom ne nananom anyame