Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yɛde Anigye To Nsa Frɛ Wo

Yɛde Anigye To Nsa Frɛ Wo

Yɛde Anigye To Nsa Frɛ Wo

ADIDI a Etwa To, a Awurade Yesu Kristo de sii hɔ bɛyɛ mfirihyia 2,000 a atwam ni no, nyɛ abakɔsɛm mu afahyɛ bi kɛkɛ. Anya nkurɔfo so nkɛntɛnso kɛse fi bere a wɔde sii hɔ no. Esiane sɛ nea nnipa pii kenkan fi Asɛmpa ho kyerɛwtohɔ ahorow mu fa nea esii saa anadwo no ho no akanyan wɔn nti, wɔabɔ mmɔden sɛ wɔbɛhyɛ Awurade Anwummeduan no ho fa wɔ akwan ahorow so.

Ntease wɔ eyinom nyinaa mu, efisɛ Yesu Kristo ankasa hyɛɛ n’akyidifo sɛ wonni saa afahyɛ yi, ɛne sɛ wɔnyɛ no daa. Ɔhyɛɛ da ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monyɛ eyi mfa nyɛ me nkae.”—Luka 22:19; 1 Korintofo 11:23-25.

Nokwarem no, sɛ afahyɛ no bɛyɛ nea nhyira wom ankasa a, ɛsɛ sɛ yehu nea ɛkyerɛ, sɛnea wɔada no adi wɔ Onyankopɔn Asɛm, Bible, mu no. Bio nso, ɛho hia sɛ yehu nea Bible wɔ ka fa bere a ɛsɛ sɛ yedi afahyɛ no ho, ne ɔkwan a ɛsɛ sɛ yɛfa so di no.

Yehowa Adansefo a wɔwɔ wiase nyinaa behyiam Wukuda, April 16, 2003, anwummere akae Yesu wu no de adi Yesu ahyɛde no so. Ɛbɛyɛ bere a wɔde hwehwɛ Kyerɛwnsɛm mu na asiesie gyidi ne ɔdɔ a wɔwɔ ma Awurade Yesu Kristo a ɔkaa nea edi so yi no: “Sɛnea Onyankopɔn dɔ wiase ni, sɛ ɔde ne ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ogye no di no anyera, na wanya daa nkwa.” (Yohane 3:16) Yɛde anigye to nsa frɛ wo sɛ wo ne wɔn nhyiam saa anwummere no sɛnea ɛbɛyɛ a wo nso wobɛhyɛ gyidi ne ɔdɔ kɛse a wowɔ ma Yesu Kristo ne ɔsoro Agya, Yehowa Nyankopɔn no mu den.