Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Awurade Anwummeduan no Kyerɛ Biribi Titiriw Ma Wo

Awurade Anwummeduan no Kyerɛ Biribi Titiriw Ma Wo

Awurade Anwummeduan no Kyerɛ Biribi Titiriw Ma Wo

SO Awurade Anwummeduan no kyerɛ biribi titiriw a ɛtra hɔ daa ma wo? Nea ɛbɛyɛ na yɛahu no, ma yenni kan nhwehwɛ nea Yesu Kristo ankasa kyerɛe sɛ afahyɛ titiriw yi kyerɛ no.

Wɔ Nisan 14, 33 Y.B. no, Yesu ne n’asomafo 12 no hyiaam wɔ abansoro dan bi mu wɔ Yerusalem kodii afe afe Twam no. Bere a wodii Twam aduan no wiei no, ɔfatwafo Yuda fii dan no mu koyii Yesu mae. (Yohane 13:21, 26-30) Yesu ne asomafo 11 a aka no dii ‘Awurade anwummeduan no.’ (1 Korintofo 11:20) Wɔsan frɛ no Nkaedi nso, efisɛ Yesu hyɛɛ n’akyidifo no sɛ: “Monyɛ eyi mfa nyɛ me nkae!” Eyi ne afahyɛ biako pɛ a wɔahyɛ Kristofo sɛ wɔnkae.—1 Korintofo 11:24.

Sɛnea Webster’s nsɛm asekyerɛ nhoma no kyerɛ no, nkaedi yɛ biribi a ɛboa yɛn “ma yɛkora nkae so” anaasɛ “ɛma yɛkɔ so kae biribi.” Wɔ mmeae pii no, nkurɔfo sisi nkaedum anaasɛ wɔpaw ɛda titiriw bi de kae obi anaa biribi a ɛho hia. Eyi mu no, Yesu de nkae aduan—aduan a na ɛbɛma wɔakae, ɛbɛboa n’asuafo no ma wɔakora nsɛm a ɛho hia yiye a esisii saa da titiriw no so. Na nkae aduan yi bɛkae wɔn a wɔba ase no ntease a ɛkɔ akyiri a ɛwɔ nea Yesu yɛe saa anadwo no mu, titiriw nsɛnkyerɛnnede a ɔde dii dwuma no. Nsɛnkyerɛnnede, anaa nkae aduan bɛn na Yesu de dii dwuma, na ɛkyerɛ dɛn? Ma yɛnhwehwɛ Bible kyerɛwtohɔ no mu nhwɛ nea ɛkɔɔ so saa afe 33 Y.B. anadwo no mu.

Nsɛnkyerɛnnede Kronkron

“Ɔfaa abodoo daa ase bubui, na ɔde maa wɔn kae sɛ: Eyi ne me honam a mo nti wɔde rema; monyɛ eyi mfa nyɛ me nkae.”Luka 22:19.

Bere a Yesu faa abodoo no kae sɛ ‘eyi ne me honam’ no, na ɔrekyerɛ sɛ abodoo a mmɔkaw nnim no gyina hɔ, anaa ɛyɛ n’ankasa honam a bɔne nnim a ɔde ‘maa wiase nkwa’ no. (Yohane 6:51) Ɛwom sɛ Bible nkyerɛase ahorow bi ka sɛ “eyi [Hela, es·tinʹ] me honam de,” nanso Greek-English Lexicon of the New Testament a Thayer yɛe no ka sɛ adeyɛ asɛm yi a ɛne, “ɛkyerɛ, egyina hɔ ma, nea ɛkyerɛ, yɛ ade koro mpɛn pii.” Ɛtwe adwene si biribi a egyina hɔ ma, anaasɛ ɛyɛ ho sɛnkyerɛnne so.—Mateo 26:26; NW ase hɔ asɛm.

Saa na na nsa a ɛwɔ kuruwa no mu no te. Yesu kae sɛ: “Kuruwa yi ne apam foforo me mogya mu, ɛno na mo nti wɔrehwie agu.”Luka 22:20.

Wɔ Mateo kyerɛwtohɔ no mu no, Yesu kaa kuruwa no ho asɛm sɛ: ‘Eyi ne me mogya a ɛyɛ apam ade a nnipa bebree nti wɔrehwie agu ama bɔne fafiri.’ (Mateo 26:28) Na Yesu de nsa a ɛwɔ kuruwa no mu no regyina hɔ, anaasɛ ɔde reyɛ n’ankasa mogya ho sɛnkyerɛnne. Ne mogya a wohwie gui no na na ɛbɛyɛ “apam foforo” a ɔne asuafo a wɔde honhom awo wɔn a na wɔne no bedi ade sɛ ahene ne asɔfo wɔ soro no nnyinaso.—Yeremia 31:31-33; Yohane 14:2, 3; 2 Korintofo 5:5; Adiyisɛm 1:5, 6; 5:9, 10; 20:4, 6.

Nsa a na ɛwɔ kuruwa no mu nso yɛɛ nkae ade a ɛkyerɛ sɛ Yesu mogya a wohwie gui no na na wobegyina so anya “bɔne fafiri,” na wɔn a wɔnom bi no nam so akɔ soro ne Kristo akodi ade. Ntease wom sɛ wɔn a wɔanya ɔsoro frɛ yi—nnipa kakraa bi no—nkutoo ne nkurɔfo a wodi Nkaedi abodoo no na wɔnom nsa no bi.—Luka 12:32; Efesofo 1:13, 14; Hebrifo 9:22; 1 Petro 1:3, 4.

Na Yesu akyidifo a wonni apam foforo no mu nyinaa no nso ɛ? Eyinom ne Awurade “nguan foforo” a wɔnhwɛ kwan sɛ wɔne Kristofo bedi ade wɔ soro, na mmom sɛ wobenya daa nkwa wɔ paradise asase so no. (Yohane 10:16; Luka 23:43; Adiyisɛm 21:3, 4) Sɛ́ Kristofo anokwafo a wɔyɛ “nnipakuw kɛse” a ‘wɔresom Onyankopɔn awia ne anadwo’ no, ɛyɛ wɔn anigye sɛ wɔbɛkɔ Awurade Anwummeduan no ase sɛ bɛhwɛadefo a wɔwɔ anisɔ. Wɔnam wɔn nsɛm ne wɔn nnwuma so ka sɛ: “Nkwagye no yɛ yɛn Nyankopɔn a ɔte ahengua no so ne oguammaa no dea.”—Adiyisɛm 7:9, 10, 14, 15.

Mpɛn Ahe?

“Monyɛ eyi mfa nyɛ me nkae.”Luka 22:19.

Mpɛn ahe na ɛsɛ sɛ yɛhyɛ Nkaedi no ho fa na ama yɛatumi akora Kristo wu nkaedi no so? Yesu ankyerɛ pɔtee. Nanso, esiane sɛ ɔde Awurade Anwummeduan no sii hɔ Nisan 14, Twam da no anwummere, afahyɛ a na Israelfo di no afe afe nti, ɛda adi sɛ na Yesu pɛ sɛ wɔhyɛ Nkaedi no ho fa saa ara. Sɛnea Israelfo no hyɛɛ ogye a wonya fii Misraim nkoasom mu ho fa afe afe no, saa ara na Kristofo hyɛ ogye a wonya fii bɔne ne owu nkoayɛ mu no ho fa afe afe.—Exodus 12:11, 17; Romafo 5:20, 21.

Akyinnye biara nni ho sɛ ɛnyɛ nwonwa sɛ yɛkae asɛntitiriw bi a esi na yɛhyɛ ho fa afe afe. Sɛ nhwɛso no, susuw bere a awarefo bi kae wɔn ayeforohyia da anaasɛ ɔman bi kae wɔn abakɔsɛm mu asɛntitiriw bi afe no ho hwɛ. Mpɛn pii no pɛnkoro afe na wɔhyɛ saa asɛm no ho fa. Nea yebetumi ahyɛ no nsow no, Kristo akyi mfehaha pii no, na wɔfrɛ wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo no Quartodecimans a ɛkyerɛ “Da a Ɛto so Dunanfo,” esiane sɛ na wɔhyɛ Yesu wu ho fa pɛnkoro afe, wɔ Nisan 14, nti.

Ɛyɛ Tiawa Nanso Ɛho Hia Yiye

Ɔsomafo Paulo kyerɛkyerɛɛ mu sɛ Awurade Anwummeduan no ho fa a Yesu asuafo no bɛhyɛ no bɛma ‘wɔakɔ so aka Awurade wu no ho asɛm akosi sɛ ɔbɛba.’ (1 Korintofo 11:26) Enti, afahyɛ yi bɛtwe adwene asi dwuma titiriw a Yesu nam ne wu no so dii wɔ Onyankopɔn atirimpɔw mmamu mu no so.

Yesu Kristo nam nokware a odi kosii owu mu no so dii Yehowa Nyankopɔn ho adanse sɛ ɔyɛ Ɔbɔadeɛ a onim nyansa, ɔwɔ dɔ, na ne Tumidi teɛ. Nea ɛne nsɛm a Satan keka bɔ abira no, Yesu a ɔnte sɛ Adam no, daa no adi sɛ nnipa betumi akɔ so adi Onyankopɔn nokware wɔ tebea horow a emu yɛ den sen biara mpo mu.—Hiob 2:4, 5.

Awurade Anwummeduan no nso ma yɛkɔ so de anisɔ kae Yesu ahofama a efi ɔdɔ mu no. Sɔhwɛ ahorow a emu yɛ den a Yesu hyiae nyinaa akyi no, ɔkɔɔ so yɛɛ osetie a edi mu maa N’agya. Enti otumi de n’ankasa nkwa a ɛyɛ pɛ no tuaa Adam bɔne kɛse no ho ka. Sɛnea Yesu ankasa kyerɛkyerɛɛ mu no, ɔbae ‘de ne kra bɛyɛɛ agyede maa nnipa pii.’ (Mateo 20:28) Enti, wobetumi de wɔn a wɔkyerɛ Yesu mu gyidi nyinaa bɔne afiri wɔn na wɔanya daa nkwa ma ɛne Yehowa mfitiase atirimpɔw a ɔwɔ ma adesamma no ahyia.—Romafo 5:6, 8, 12, 18, 19; 6:23; 1 Timoteo 2:5, 6. *

Eyi nyinaa nso si Yehowa papayɛ ne ayamye pii a oyii no adi yɛɛ nsiesiei maa adesamma nkwagye no so dua. Bible ka sɛ: “Eyi mu na Onyankopɔn dɔ no yii ne ho adi wɔ yɛn ho, sɛ, Onyankopɔn somaa ne ba a ɔwoo no koro no baa wiase sɛ yɛmfa no so nnya nkwa. Eyi mu na ɔdɔ no wɔ, ɛnyɛ sɛ yɛn na yɛdɔɔ Onyankopɔn, na mmom ɔno na ɔdɔɔ yɛn na ɔsomaa ne ba sɛ ɔmmɛyɛ yɛn bɔne ho mpata.”—1 Yohane 4:9, 10.

Yiw, hwɛ sɛnea Nkaedi no yɛ afahyɛ a ɛyɛ anigye! Ɛyɛ tiawa na ɛnyɛ den koraa sɛ wɔbɛyɛ wɔ wiase nyinaa wɔ tebea a egu ahorow mu, nanso ɛyɛ sɛnkyerɛnne a edi mu a ɛda so ara yɛ nkae ade a emu dɔ fi bere tenteenten.

Nea Ɛkyerɛ Ma Wo

Yɛn Awurade Yesu Kristo afɔrebɔ wu no maa ɔne N’agya Yehowa faa tebea a emu yɛ den mu. Sɛ́ onipa a ɔyɛ pɛ no, Yesu annya owu a yɛn nyinaa nya fii awo mu no bi. (Romafo 5:12; Hebrifo 7:26) Anka obetumi akɔ so atra ase daa. Sɛ wamma kwan a anka obiara ntumi mfa ɔhyɛ so mpo nkum no. Ɔkae sɛ: “Obi nnye [me nkwa] me nsam, na m’ankasa na mede meto hɔ.”—Yohane 10:18.

Nanso, Yesu fii ne pɛ mu de ne desani nkwa a ɛyɛ pɛ no bɔɔ afɔre sɛnea ɛbɛyɛ a “ɔnam owu so betu nea ɔwɔ owu tumi a ɔne ɔbonsam no, na wagye wɔn a anka owu ho hu nti wɔayɛ nkoa, nna a wɔde te ase nyinaa.” (Hebrifo 2:14, 15) Kristo ahofama a efi ɔdɔ mu no da adi bio wɔ owu a ɔde ne ho mae no mu. Na onim amane a obehu ne owu a obewu no yiye.—Mateo 17:22; 20:17-19.

Nkaedi no nso kae yɛn ɔdɔ a ɛsen biara a yɛn soro Agya Yehowa ada no adi. Hwɛ sɛnea onii a ‘n’ayamye dɔɔso, na ɔyɛ timmɔbɔ’ no ho hiahiaa no, sɛ ɔhwɛe na ɔtee Yesu “nteɛm a emu yɛ den ne ne nusu” a ɔtewee wɔ Getsemane turom hɔ no, ɔhwe ne asɛndua mu a wɔbɔɔ no atirimɔden so, ne owu yawyaw a egyee bere tenteenten no. (Yakobo 5:11, NW ase hɔ asɛm; Hebrifo 5:7; Yohane 3:16; 1 Yohane 4:7, 8) Ɛho a yesusuw nnɛ, wɔ mfehaha pii akyi mpo no ma nnipa pii ho yeraw wɔn.

Susuw amane a Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo hu maa yɛn abɔnefo no ho hwɛ! (Romafo 3:23) Da biara da yehyia ɛyaw ankasa a yɛn bɔne ne yɛn sintɔ ahorow de ba no bi. Nanso, ɛdenam gyidi a yebenya wɔ Yesu agyede afɔre no mu so no, yebetumi asrɛ Onyankopɔn hɔ bɔne fafiri. (1 Yohane 2:1, 2) Eyi ma yetumi ne Onyankopɔn kasa wɔ nnamyɛ mu na yenya ahonim pa. (Hebrifo 4:14-16; 9:13, 14) Nea ɛsen saa no, yebetumi anya anidaso sɛ yɛbɛtra paradise asase so akosi daa. (Yohane 17:3; Adiyisɛm 21:3, 4) Yesu afɔrebɔ kɛse no na abue eyinom nyinaa ne nhyira foforo pii ho kwan.

Awurade Anwummeduan Ho Anisɔ a Yɛbɛkyerɛ

Akyinnye biara nni ho sɛ Awurade Anwummeduan no yɛ “Onyankopɔn dom a aboro so” a ɛyɛ anigye a wada no adi. Na nokwarem no, Yehowa Nyankopɔn agyede afɔre—a Yesu ahofama a ɔdɔ wom ma ɛyɛɛ yiye—no yɛ “n’akyɛde a enni kabea.” (2 Korintofo 9:14, 15) So Onyankopɔn papayɛ a ɛnam Yesu Kristo so ho nsɛm a wɔaka yi nkanyan wo kɛse mma wunnya anisɔ a emu yɛ den?

Yɛwɔ ahotoso sɛ akanyan wo. Enti, yɛto nsa frɛ wo sɛ wo ne Yehowa Adansefo nhyiam nhyɛ Yesu wu Nkae no ho fa. Afe yi wɔbɛhyɛ Nkaedi no ho fa Wukuda, April 16, bere a owia akɔtɔ no. Yehowa Adansefo a wɔwɔ wo mpɔtam hɔ ani begye sɛ wɔbɛma woate bere ne beae pɔtee a wobehyiam ahyɛ fa a ɛho hia sen biara yi.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 19 Sɛ wopɛ agyede no ho nsɛm a ɛkɔ akyiri a, yɛsrɛ sɛ hwɛ Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu nhoma a Yehowa Adansefo na wotintimii no mu.

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 6]

“EYI YƐ ME HONAM” ANAA “EYI NE ME HONAM” NEA ƐWƆ HE?

Bere a Yesu kae sɛ, ‘Mene pon no’ ne ‘Mene nokware bobe no,’ obiara annya adwene sɛ na ɔyɛ ɔpon anaa bobe ankasa. (Yohane 10:7; 15:1) Saa ara na sɛ The New Jerusalem Bible fa Yesu asɛm no ka sɛ: “Kuruwa yi apam foforo” a, yɛnka sɛ kuruwa no ne apam foforo no ankasa. Saa ara nso na bere a ɔkae sɛ abodoo no ‘yɛ’ ne honam no, na ɛkyerɛ sɛ abodoo no kyerɛ ne honam anaasɛ ɛyɛ ho sɛnkyerɛnne. Enti Charles B. Williams nkyerɛase no ka sɛ: “Eyi gyina hɔ ma me honam.”—Luka 22:19, 20.

[Mfonini wɔ kratafa 5]

Abodoo a mmɔkaw nnim ne bobesa no yɛ nsɛnkyerɛnnede a ɛfata ma Yesu nipadua ne ne mogya a bɔne nnim a wohwie gui no

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Nkaedi no yɛ ɔdɔ kɛse a Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo ada no adi