Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Anwummeduan A Etwa To no—Ɛyɛ Dɛn?

Anwummeduan A Etwa To no—Ɛyɛ Dɛn?

Anwummeduan A Etwa To no—Ɛyɛ Dɛn?

SƐ WOTE asɛm “anwummeduan a etwa to no” a, dɛn na ɛba w’adwenem? Nnipa bebree besusuw mfonini a nkurɔfo ani gye ho kɛse a Leonardo da Vinci a ɔtraa ase wɔ Milan, Italy, (1452-1519) yɛe no ho. Nokwasɛm ne sɛ Anwummeduan a Etwa To no agye din wɔ mfoniniyɛfo, nhoma akyerɛwfo, ne nnwontofo mu mfehaha pii.

Nanso, dɛn ne Anwummeduan a Etwa To no, na dɛn na ɛkyerɛ ma nnipa a wɔte afeha a ɛto so 21 yi mu? Nhoma a ɛka nneɛma pii ho nsɛm ne nsɛm asekyerɛ nhoma bɛka akyerɛ wo sɛ Anwummeduan a Etwa To no a wɔsan frɛ no Awurade Anwummeduan no yɛ aduan a Yesu Kristo ne n’asomafo no dii anwummere ansa na ɔrebewu n’afɔrebɔ wu no. Esiane sɛ ɛyɛ anwummeduan a edi akyiri a Yesu ne n’asomafo anokwafo no dii nti, wɔtaa frɛ no Anwummeduan a Etwa To. Na esiane sɛ Awurade Yesu Kristo ankasa na ɔde sii hɔ nti, edin Awurade Anwummeduan no fata.

Nnipa pii de wɔn nkwa abɔ afɔre ama nea wobu no sɛ ɛyɛ nnwuma pa no, wɔ mfehaha pii a abɛsen kɔ no mu. Nnipa bi nyaa saa owu ahorow yi so mfaso bere bi. Nanso, sɛ yɛyɛ ntotoho a, ɛmfa ho sɛnea na ɛfata biara no, wɔn a wɔde wɔn ho bɔɔ afɔre wuwui no mu biara nni hɔ a ɛso mfaso kɛse no bɛn Yesu Kristo wu no. Afei nso, owu biara nni hɔ a asi wɔ adesamma abakɔsɛm a ɔhaw ahyɛ mu ma yi mu a ebetumi anya nkɛntɛnso akɔ akyiri wɔ amansan yi mu saa da. Dɛn ntia?

Nea ɛbɛyɛ na woanya saa asɛmmisa no ho mmuae na aboa wo ma woahu nea Awurade Anwummeduan no kyerɛ ma wo no, yɛto nsa frɛ wo sɛ kenkan asɛm a edi hɔ no.