Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Adwumam Abotɔyam ne Anigye Ho Aba Asɛm

Adwumam Abotɔyam ne Anigye Ho Aba Asɛm

Adwumam Abotɔyam ne Anigye Ho Aba Asɛm

SƐNEA Amanaman Nkabom Amansan Mpaemuka a Ɛfa Hokwan a Nnipa Wɔ Ho daa no adi no, ‘hokwan a onipa wɔ sɛ ɔyɛ adwuma’ no yɛ ade a ɛho hia ma nnipa nyinaa. Nanso, ɛnyɛ bere nyinaa na obiara nya adwuma yɛ. Abotɔyam a obi benya wɔ n’adwumam no gyina nneɛma pii so—egyina sɛnea ɔman a ɔte mu no sikasɛm te ne sɛnea wiase nyinaa aguadi tebea te so. Nanso, sɛ nkurɔfo adwuma fi wɔn nsa anaasɛ asɛm ba ho a, basabasayɛ ne atuatew taa di akyiri ba. Aman kakraa bi pɛ na wonhyia ɔhaw yi. Sɛnea nhoma kyerɛwfo bi kae no, asɛmfua “adwuma ayɛ ade a ɛkanyan nkate bere nyinaa.”

Nneɛma pii nti na ɛma adwuma ho asɛm hia yɛn. Akatua a yenya fi mu akyi no, ɛboa yɛn ma yedi yiye wɔ adwene ne nkate fam. Adwuma di ɔpɛ a onipa wɔ sɛ ɔbɛyɛ ɔman ba a mfaso wɔ no so na wanya asetram atirimpɔw no ho dwuma. Ɛma yenya obu ma yɛn ho nso. Enti, ebinom a wɔwɔ sika pii a wobetumi de ahwɛ wɔn ho anaasɛ wɔn a wɔadu sɛ wɔkɔ pɛnhyen no mpo pɛ sɛ wɔkɔ so yɛ adwuma. Yiw, adwuma ho hia araa ma sɛ adwuma nni hɔ a nkurɔfo bɛyɛ a, ɛtaa de asetram nsɛnnennen ba.

Ɔkwan foforo so no, ebinom wɔ hɔ a wɔyɛ adwuma nanso wohyia nhyɛso pii wɔ adwumam araa ma wɔn ani nnye wɔn adwuma ho bio. Sɛ nhwɛso no, esiane sɛnea nnɛyi aguadi mu akansi mu yɛ den nti, nnwuma pii kɔ so tew wɔn adwumayɛfo dodow so sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛtew ɛka a wɔbɔ so. Eyi betumi de nhyɛso foforo aba adwumayɛfo a aka a wɔn na ɛsɛ sɛ wɔyɛ adwuma tra so no so.

Ɛnnɛyi mfiri a wosusuw sɛ ɛbɛma asetra ayɛ mmerɛw na ayɛ adwuma yiye paa no betumi de nhyɛso foforo aba adwumam ankasa. Sɛ nhwɛso no, kɔmputa, nkrasɛm afiri, ne Intanɛt ma nkurɔfo tumi de wɔn adwuma kɔ fie bere a wɔapɔn adwuma no, na ɛmma wonhu nsonsonoe a ɛda fie ne adwuma ntam. Odwumayɛni bi tee nka sɛ afiri a wɔde gye nsɛm ne telefon a wokura kyin no te sɛ hama bi a aniwa nhu a n’adwumam panyin de di no so.

Osuro a nnipa a wɔn mfe akɔ anim pii anya wɔ yɛn bere a nsakrae ba ntɛmntɛm wɔ sikasɛm ne adwumam mu no ne sɛ wobebu wɔn sɛ nkurɔfo a wɔn bere atwam mpo ansa na wɔaba tebea a ɛte saa mu ankasa. Wɔ eyi mu no, obi a na anka ɔyɛ Hokwan a Nnipa Wɔ Soafo, Chris Sidoti, kae sɛ: “Ɛte sɛ nea wɔanya adwene bi sɛ gye sɛ woyɛ obi a wunnii mfirihyia 40 ansa na wubetumi de kɔmputa ne mfiri foforo a wɔayɛ no ayɛ adwuma.” Enti wobu adwumayɛfo pa pii a bere bi a atwam no na anka wobebu wɔn sɛ afei na wɔasi so no sɛ nkurɔfo a wɔanyinyin dodo a mfaso nni wɔn so nnansa yi. Awerɛhosɛm bɛn ara ni!

Nokwarem no, nnansa yi, nkurɔfo mmu adwumayɛ ho su pa ne nokware a wodi ma adwumayɛkuw no. Franse kasa mu nsɛmma nhoma Libération, ka sɛ: “Sɛ nnwumakuw yi nkurɔfo adi wɔ nsakrae ketewaa bi a ɛba wɔ aguadi nhyehyɛe mu ho a, na nokware a wodi ma adwumakuw abɛyɛ ade a ne bere atwam. Ɛsɛ sɛ woyɛ adwuma de, nanso ɛsɛ sɛ woyɛ ma w’ankasa yiyedi na ɛnyɛ adwumakuw no.”

Ɛmfa ho sɛ ɔhaw yi renya nkɔanim no, adwuma a nnipa benya ayɛ da so ara yɛ wɔn ahiade titiriw. Enti wɔ yɛn bere yi a nneɛma sakra ntɛmntɛm mu no, ɔkwan bɛn so na obi betumi anya adwuma ho adwene a ɛkari pɛ, na bere koro no ara wakɔ so anya adwumam abotɔyam ne anigye?

[Mfonini wɔ kratafa 3]

Ebetumi aba sɛ nnɛyi mfiri ho nimdeɛ ama adwumam nhyɛso ayɛ kɛse