Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Anigye—Ɛyɛ Suban a Yenya Fi Onyankopɔn Hɔ

Anigye—Ɛyɛ Suban a Yenya Fi Onyankopɔn Hɔ

OBIARA pɛ sɛ n’ani gye wɔ n’asetena mu. Nanso, nna a edi akyiri yi mu deɛ, obiara hyia sɔhwɛ a “emu yɛ den.” (2 Tim. 3:1) Sɛ wobu nkurɔfo atɛnkyea, wɔyare, wɔn adwuma fi wɔn nsa, anaa awerɛhow hyɛ wɔn so a, etumi ma wɔn anigye sɛe. Ebinom nso wɔ hɔ a, nneɛma bi tumi ma dadwen ne awerɛhow bɛtɔ wɔn so. Ɛba saa a, ɛde nkakrankakra sɛe wɔn anigye. Onyankopɔn asomfo mpo, ɛtɔ da a wɔn abam tumi bu na wɔn anigye tumi sɛe. Sɛ saa na ato wo a, dɛn na wobɛyɛ na woanya anigye bio?

Nea ɛbɛma yɛanya mmuae no, ɛsɛ sɛ yedi kan hu nea anigye ankasa kyerɛ, ne nea afoforo ayɛ ama wɔakɔ so anya anigye ɛmfa ho sɛ wɔahyia sɔhwɛ. Afei, yebehu nea yɛbɛyɛ na yɛakɔ so anya anigye na yɛanya bi aka ho mpo.

DƐN NE ANIGYE?

Sɛ yɛka sɛ obi wɔ anigye a, ɛnkyerɛ sɛ ne ho yɛ anika anaa n’anim yɛ sereserew kɛkɛ. Yɛnyɛ nhwɛso: Sɛ kɔwensani we nsa bow a, ebia ɔbɛsereserew saa ara. Nanso sɛ nsa no tetew n’ani so a, na serew no atew kɔ, na wasan akɔtena n’awerɛhow ne n’abɛbrɛsɛ mu. Ahurusi a odii bere tiaa bi no nyɛ anigye ankasa.—Mmeb. 14:13.

Anigye ankasa deɛ, ɛwɔ koma mu. Wɔkyerɛ sɛ, “sɛ obi nsa ka adepa bi anaa ɔrehwɛ biribi pa kwan a, sɛnea ɔte nka no,” ɛno ne anigye no. Sɛ yɛwɔ anigye a, nneɛma kɔ yiye oo, ɛnkɔ yiye oo, yɛnteetee, na mmom yɛn koma tɔ yɛn yam. (1 Tes. 1:6) Nokwasɛm ne sɛ, obi betumi ahyia ɔhaw, nanso na ɔwɔ anigye wɔ ne komam. Ɛho nhwɛso ni. Bere a asomafo no reka Kristo ho asɛm no, wɔhwee wɔn. Nanso wɔde “anigye fii Sanhedrin no anim kɔe, efisɛ wɔabu wɔn sɛ ne din nti wɔfata sɛ wogu wɔn anim ase.” (Aso. 5:41) Ɛnyɛ ɔhwe a wɔhwee wɔn nti na wɔn ani gyei. Mmom, esiane sɛ wɔyɛ Onyankopɔn asomfo na wodii no nokware nti na wɔn ani gyei.

Anigye, wɔmfa nwo yɛn; saa ara nso na yennya no kwa. Adɛn nti na yɛreka saa? Efisɛ anigye yɛ Onyankopɔn honhom aba no fã. Onyankopɔn honhom na ɛboa yɛn ma yetumi hyɛ “nipasu foforo” no yiye. Anigye ka nipasu foforo no ho. (Efe. 4:24; Gal. 5:22) Sɛ yenya anigye a, ɛboa yɛn ma yetumi gyina ɔhaw ne ateetee ano.

WƆN A YƐPƐ SƐ YESUASUA WƆN

Nneɛma pa nko ara na na Yehowa pɛ sɛ ɛkɔ so wɔ asase so, na ɛnyɛ nneɛma bɔne a yɛtaa hu nnɛ no. Nanso, ɛmfa ho sɛ nkurɔfo yɛ nneɛma bɔne no, ɛmma Yehowa anigye nsɛe. Onyankopɔn Asɛm ka sɛ: “Ahoɔden ne anigye wɔ ne tenabea.” (1 Be. 16:27) Bio nso, nneɛma pa a Yehowa asomfo yɛ no ma ‘Yehowa koma tɔ ne yam.’—Mmeb. 27:11.

Sɛ nneɛma ankɔ sɛnea yɛhwɛ kwan a, ɛnsɛ sɛ yɛma ɛhaw yɛn boro so, na mmom yebetumi asuasua Yehowa. Ɛnsɛ sɛ yɛma ɛsɛe yɛn anigye, na mmom yebetumi de yɛn adwene asi nneɛma pa a yɛwɔ nnɛ no so, na yɛanya abotare atwɛn daakye papa a ɛda yɛn anim no. *

Yɛhwɛ Bible mu nso a, yebehu sɛ nnipa bebree hyiaa ɔhaw pii, nanso wɔamma ansɛe wɔn anigye. Wɔn mu baako ne Abraham. Abraham hyiaa ɔhaw ahorow a ɛde ne nkwa too asiane mu, na afoforo nso gyigyee no. (Gen. 12:10-20; 14:8-16; 16:4, 5; 20:1-18; 21:8, 9) Ɔhaw yi nyinaa akyi no, na Abraham wɔ anigye wɔ ne komam. Ɛyɛɛ dɛn na ɛbaa saa? Anidaso a na ɔwɔ sɛ ɔbɛtena wiase foforo no mu wɔ Mesia nniso ase no, wamma ne werɛ amfi da. (Gen. 22:15-18; Heb. 11:10) Yesu kaa sɛ: “Mo agya Abraham dii anidaso a na ɔwɔ sɛ obehu me da no mu ahurusi.” (Yoh. 8:56) Sɛ yedwinnwen anigye a yebenya daakye ho a, na yɛresuasua Abraham.—Rom. 8:21.

Ɔsomafo Paulo ne ne yɔnko Silas de wɔn adwene sii Onyankopɔn bɔhyɛ so sɛnea Abraham yɛe no. Ná wɔn gyidi yɛ den. Ɔhaw a wohyiae nyinaa akyi no, wɔkɔɔ so nyaa anigye. Ɛho nhwɛso ni. Bere a wɔhwee wɔn pasaa de wɔn koguu afiase no, “ɔdasum no, Paulo ne Silas bɔɔ mpae too dwom yii Onyankopɔn ayɛ.” (Aso. 16:23-25) Anidaso a na Paulo ne Silas wɔ no hyɛɛ wɔn den. Afei nso, na wonim sɛ Kristo nti na wɔrehu amane, na wei maa wɔn ani gyei. Sɛ yɛsom Onyankopɔn nokwarem a, mfaso wɔ so. Sɛ yɛma wei tena yɛn adwenem a, yebetumi asuasua Paulo ne Silas.—Filip. 1:12-14.

Ɛnnɛ nso, yɛn nuanom pii ayɛ nhwɛso pa ama yɛn. Wɔahyia sɔhwɛ, nanso wɔakɔ so anya anigye. Ɛho nhwɛso ni. November 2013 no, ahum bi a wɔfrɛ no Super Typhoon Haiyan tui wɔ Philippines mfinimfini fam. Ɛsɛee Adansefo mmusua bɛboro 1,000 afie. George te Tacloban kurom, na ne fie sɛee pasaa. Ɔkaa sɛ: “Nea esii yi nyinaa akyi no, anuanom wɔ anigye. Anigye a yɛwɔ no, minnya nsɛm mpo na mede akyerɛ mu.” Sɛ yɛn ani sɔ nea Yehowa ayɛ ama yɛn na yedwinnwen ho a, yehyia sɔhwɛ mpo a, ɛremma yɛn anigye nsɛe. Dɛn bio na Yehowa de ama yɛn a ɛma yɛn ani gye?

NEA ƐMA YƐN ANI GYE

Dɛn bio paa na ebetumi ama yɛn ani agye asen yɛne Onyankopɔn adamfofa? Wo deɛ hwɛ: Yenim Amansan Hene no. Ɔyɛ yɛn Agya, yɛn Nyankopɔn, ne yɛn Adamfo!—Dw. 71:17, 18.

Afei nso, Yehowa akyɛ yɛn nkwa, na ɛma yɛn ani gye wɔ asetena mu; yɛn ani sɔ paa. (Ɔsɛnk. 3:12, 13) Yɛyɛ abɔde a yenim nyansa a Yehowa atwe yɛn aba ne nkyɛn, na yenim nea Onyankopɔn pɛ sɛ yɛyɛ. (Kol. 1:9, 10) Ɛno nti, yenim nea enti a yɛte ase, ne sɛnea yɛbɔ yɛn bra. Nanso, nnipa dodow no ara nnim nea enti a nnipa wɔ wiase. Paulo kaa wei ho asɛm sɛ: “‘Nneɛma a Onyankopɔn asiesie ama wɔn a wɔdɔ no no, aniwa nhui, na aso ntee, na ɛmmaa nnipa koma mu da.’ Na yɛn na Onyankopɔn nam ne honhom so ayi akyerɛ yɛn.” (1 Kor. 2:9, 10) Yehowa apɛde ne nea wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ a wama yɛahu no, ɛmma yɛn ani nnye anaa?

Yɛnhwɛ nneɛma foforo a Yehowa ayɛ ama ne nkurɔfo. Yɛn ani nnye sɛ Yehowa ama ayɛ yiye sɛ yebetumi anya bɔne fafiri anaa? (1 Yoh. 2:12) Onyankopɔn mmɔborɔhunu nti, yɛwɔ anidaso paa sɛ wiase foforo no bɛba nnansa yi ara. (Rom. 12:12) Seesei mpo, Yehowa ama yɛanya anuanom pii a yɛne wɔn bom som. (Dw. 133:1) Onyankopɔn Asɛm nso ma yɛn awerɛhyem sɛ Yehowa bɔ ne nkurɔfo ho ban fi Satan ne n’adaemone ho. (Dw. 91:11) Sɛ yedwinnwen nhyira a Onyankopɔn de ama yɛn yi nyinaa ho a, yebehu sɛ anigye a yɛwɔ no bi bɛba abɛka ho.—Filip. 4:4.

NEA ƐBƐMA W’ANI AGYE KƐSE

Kristoni bi wɔ anigye dedaw a, obetumi anya bi aka ho anaa? Yesu kaa sɛ: “Maka eyi akyerɛ mo na m’anigye atena mo mu, na mo anigye ayɛ mã.” (Yoh. 15:11) Wei nkyerɛ sɛ anigye a yɛwɔ no, yebetumi anya bi aka ho anaa? Wubetumi de anigye a wowɔ no atoto ogya ho. Sɛ wosɔ gya na wopɛ sɛ ɛyɛ hyew paa a, ɛsɛ sɛ wode nnyina no bi ka ho. Wo nso, sɛ wopɛ sɛ anigye a wowɔ no bi bɛka ho a, ɛsɛ sɛ woyere wo ho sua Onyankopɔn Asɛm. Kae sɛ: Onyankopɔn honhom na ɛboa yɛn ma yɛn ani gye. Enti, sɛ wobɔ mpae daa srɛ Yehowa sɛ ɔmfa ne honhom mmoa wo, na wudwinnwen n’Asɛm a wɔde honhom kronkron kyerɛwee no ho a, anigye a wowɔ no bi bɛba abɛka ho.—Dw. 1:1, 2; Luka 11:13.

Ade foforo nso a ɛbɛma yɛn anigye ayɛ kɛse ne sɛ yɛbɛyere yɛn ho ayɛ nneɛma a ɛsɔ Yehowa ani. (Dw. 35:27; 112:1) Adɛn ntia? Efisɛ Onyankopɔn bɔɔ yɛn sɛ ‘yensuro nokware Nyankopɔn no na yenni ne mmara nsɛm so. Na eyi ne onipa asɛde.’ (Ɔsɛnk. 12:13) Nea ɛkyerɛ ara ne sɛ, Onyankopɔn bɔɔ yɛn sɛ yɛnyɛ n’apɛde. Enti sɛ yɛsom Yehowa a, anigye a ɛsɛ sɛ yenya wɔ asetena mu no, yenya bi paa. *

ANIGYE SO MFASO

Sɛ yenya anigye ankasa a, yebenya so mfaso pii; ɛnyɛ yɛn koma mu nko ara na ɛbɛtena. Ebi ne sɛ, sɛ ɛba mpo sɛ yehyia ɔhaw na yɛkɔ so de anigye som Yehowa a, yɛn soro Agya no ani bɛsɔ yɛn paa. (Deut. 16:15; 1 Tes. 5:16-18) Afei nso, sɛ yɛwɔ anigye ankasa a, yɛrenni ahonyade akyi, na mmom Onyankopɔn Ahenni nti, yɛbɛyɛ nea yebetumi biara de nneɛma abɔ afɔre. (Mat. 13:44) Sɛ yehu sɛ mfaso wɔ nneɛma a yɛde bɔ afɔre no so a, yɛn anigye bɛyɛ kɛse, yebenya akomatɔyam paa, na yɛbɛma afoforo nso ani agye.—Aso. 20:35; Filip. 1:3-5.

Owura bi a ɔwɔ Nebraska Sukuupɔn mu wɔ United States yɛɛ apɔwmuden mu nhwehwɛmu ahorow bi. Owiei no ɔkaa sɛ: “Sɛ wowɔ anigye ne akomatɔyam wɔ w’asetena mu seesei a, wonyareyare.” Asɛm a ɔkae no ne Bible asɛm yi hyia: “Anigye koma sa yare.” (Mmeb. 17:22) Anokwa, sɛ wunya anigye kɛse a, yebetumi aka paa sɛ wubenya apɔwmuden papa.

Enti, ɛmfa ho sɛ yɛte mmere a emu yɛ den mu no, sɛ yɛbɔ mpae srɛ honhom kronkron, yesua ade, na yedwinnwen Yehowa Asɛm ho a, yebetumi anya anigye ankasa daa. Afei nso, sɛ yedwinnwen nhyira a yɛanya nnɛ ho, yesuasua afoforo gyidi, na yɛyere yɛn ho yɛ Onyankopɔn apɛde a, ɛbɛma yɛn anigye ayɛ kɛse. Yɛyɛ wei nyinaa a, yebehu sɛ Dwom 64:10 yɛ nokware. Ɛka sɛ: “Ɔtreneeni bedi ahurusi Yehowa mu, na ɔde no ayɛ guankɔbea.”

^ nky. 10 Su ahorow a ɛbom yɛ “honhom no aba” no, abodwokyɛre anaa abotare ka ho. Yɛbɛka ho asɛm wɔ Ɔwɛn-Aban foforo a ɛbɛba mu.

^ nky. 20 Sɛ wopɛ nneɛma foforo a wobɛyɛ ama w’anigye no bi abɛka ho a, hwɛ adaka a wɔato din, “ Nneɛma Foforo a Ɛbɛma Woanya Anigye Kɛse.”