Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Ahyɛde a ɛwɔ Leviticus 19:16 a ɛka sɛ “mfa wo yɔnko nkwa nto asiane mu” no, dɛn na ɛkyerɛ, na dɛn na yebetumi asua afi mu?

Yehowa ka kyerɛɛ Israelfo no sɛ wɔnyɛ kronkron. Nea ɛbɛboa wɔn ma wɔayɛ kronkron no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nkyinkyin nsɛe wo yɔnko din. Na mfa wo yɔnko nkwa nto asiane mu. Mene Yehowa.”—Lev. 19:2, 16.

Tete Hebri kasakoa a yɛakyerɛ ase “mfa wo yɔnko nkwa nto asiane mu” no, sɛnea yɛakyerɛ ase no di mu paa. Nanso dɛn na saa kasakoa no kyerɛ? Yudafo nhoma bi a ɛkyerɛkyerɛ Leviticus nhoma no mu ka sɛ: “Kasakoa a ɛwɔ nkyekyɛm yi mu no, ɛyɛ den sɛ yɛbɛte ase, efisɛ ɛnyɛ mmerɛw sɛ yebehu nea saa Hebri kasakoa no kyerɛ. Sɛ wofa no traa a, ɛkyerɛ ‘nnyina ne so, nnyina ne nkyɛn anaa nnyina mmɛn no.’”

Nhomanimfo bi kyerɛ sɛ saa kasakoa no ne nkyekyɛm 15 no wɔ twaka. Ɛhɔ ka sɛ: “Monhwɛ na moammu atɛnkyea. Sɛ moredi ohiani asɛm a, monnhwɛ ne hia ho nnkogyina n’afã, na moredi ɔdefo asɛm nso a, monnhwɛ ne sika ho nnkogyina n’afã. Mummu atɛntrenee mma mo yɔnko.” (Lev. 19:15) Sɛ saa na ɛte a, ɛnde ahyɛde a ɛse “mfa wo yɔnko nkwa nto asiane mu” a ɛwɔ nkyekyɛm 16 no betumi akyerɛ sɛ, asɛnni mu oo, adwumasɛm mu oo, abusuasɛm mu oo, na ɛnsɛ sɛ Onyankopɔn nkurɔfo yɛ biribiara a ebepira wɔn yɔnko. Afei nso, na ɛnsɛ sɛ wosisi wɔn yɔnko de pɛ mfaso bɔne. Ɛwom, ɛnsɛ sɛ yɛyɛ saa nneɛma no, nanso ɔkwan foforo wɔ hɔ a yebetumi afa so ate kasakoa a ɛwɔ nkyekyɛm 16 no ase yiye paa.

Ma yɛnhwɛ asɛm a ɛwɔ nkyekyɛm 16 no mfiase. Onyankopɔn ka kyerɛɛ ne nkurɔfo sɛ ɛnsɛ sɛ wokyinkyin sɛe wɔn yɔnko din. Kae sɛ, nseku tumi de ɔhaw ba, nanso dinsɛe de, ɔhaw a ɛde ba no ani sõsõ paa. (Mmeb. 10:19; Ɔsɛnk. 10:12-14; 1 Tim. 5:11-15; Yak. 3:6) Obi yɛ dinsɛefo a, ɔboapa nwene atosɛm de sɛe din pa a obi wɔ. Ebia dinsɛefo no bedi ne yɔnko ho adansekurum. Sɛ ɛbɛma ne yɔnko no ahwere ne nkwa mpo a, ɛmfa ne ho. Kae sɛ dinsɛefo na edii adanse tiaa Nabot ma wosiw no abo kum no yayaayaw. (1 Ahe. 21:8-13) Sɛnea wɔaka ho asɛm wɔ Leviticus 19:16 no fã a ɛto so mmienu no, ɛyɛ ampa sɛ dinsɛefo betumi de ne yɔnko nkwa nto asiane mu.

Bio nso, sɛ obi sɛe obi din a, ebetumi akyerɛ sɛ ɔtan no. Yɛkenkan wɔ 1 Yohane 3:15 sɛ: “Obiara a ɔtan ne nua no yɛ owudifo, na munim sɛ owudifo biara nni hɔ a daa nkwa te ne mu.” Ɛnyɛ nwonwa sɛ bere a Onyankopɔn kaa sɛ “mfa wo yɔnko nkwa nto asiane mu” no, ɔtoaa so sɛ: “Nnya wo nua ho tan wɔ wo komam.”—Lev. 19:17.

Enti, kasakoa a ɛwɔ Leviticus 19:16 no yɛ kɔkɔbɔ ma Kristofo. Ɛsɛ sɛ yeyi adwemmɔne biara fi yɛn tirim na yɛhwɛ yiye na yɛansɛe obi din. Nea yɛreka akosi ara ne sɛ, sɛ yɛmpɛ obi asɛm anaa ahoɔyaw nti, yɛsɛe ne din a, nea ɛkyerɛ ne sɛ ‘yɛde ne nkwa ato asiane mu.’ Ɛba saa a, ɛbɛkyerɛ sɛ yɛtan no. Ɛnsɛ sɛ suban a ɛte saa bɛn Kristofo aboboano koraa.—Mat. 12:36, 37.