Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Esau hokwan a ɔwɔ sɛ abakan a Yakob tɔe nti na ɔbɛkaa wɔn a na Mesia no bɛfa wɔn so aba no ho anaa?

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Tete Israel no, obiara a na Mesia no bɛfa no so aba no, na ɛsɛ sɛ ɔyɛ abakan anaa?

Bere bi a atwam no, na yɛka nsɛm bi a ɛkyerɛ saa. Ná ɛte sɛ nea saa ntease no ne asɛm a ɛwɔ Hebrifo 12:16 no hyia. Saa kyerɛwsɛm no ka sɛ Esau ‘ammu akronkronne,’ na “ɔde hokwan a ɔwɔ sɛ abakan no [maa Yakob] sesaa aduan biako pɛ.” Wei ma ɛbɛyɛe sɛ bere a Yakob nyaa ‘hokwan sɛ abakan no,’ ɛnna ɔno nso bɛkaa wɔn a na Mesia no bɛfa wɔn so aba no ho.​—Mat. 1:2, 16; Luka 3:23, 34.

Nanso yɛasan ayɛ Bible mu nhwehwɛmu ahu sɛ na enhia sɛ ɔbarima bi yɛ abakan ansa na Mesia no afa no so aba. Hwɛ adanse a edi so yi bi:

Yakob (Israel) mmabarima nyinaa mu no, Ruben a Lea woo no maa no no na na ɔyɛ abakan. Akyiri yi, Yakob yere Rahel a na ɔda ne koma so no woo Yosef; Yosef na na ɔyɛ Rahel abakan. Bere a Ruben daa subammɔne bi adi no, hokwan a ɔwɔ sɛ abakan no kodii Yosef hɔ. (Gen. 29:31-35; 30:22-25; 35:22-26; 49:22-26; 1 Be. 5:1, 2) Nanso wɔn a Mesia no faa wɔn so bae no, Ruben anaa Yosef nka ho. Yakob babarima a ɔto so nnan, Yuda, a Lea woo no no, ɔno mmom na Mesia no nam no so bae.​—Gen. 49:10.

Akyiri yi, Luka 3:32 bobɔɔ nnipa nnum a Mesia no faa wɔn so bae din. Ɛbɛyɛ sɛ na saa mmarima yi mu biara yɛ abakan. Enti Boas woo Obed, ɛnna Obed nso woo Yese.​—Rut 4:17, 20-22; 1 Be. 2:10-12.

Nanso, sɛ yɛhwɛ Yese ba Dawid a, na ɔnyɛ abakan. Yese mmabarima baawɔtwe no, Dawid na na ɔyɛ kumaa koraa. Nanso Dawid so na Mesia no nam bae. (1 Sam. 16:10, 11; 17:12; Mat. 1:5, 6) Efi Dawid so no, Solomon na odi hɔ a Mesia no nam ne so bae, nanso na ɔnyɛ Dawid abakan.​—2 Sam. 3:2-5.

Nea yɛreka yi nkyerɛ sɛ, sɛ obi yɛ abakan a, na mfaso biara nni so. Sɛ obi yɛ abakan a, na ɛyɛ hokwan a nidi wom, na mpɛn pii no, sɛ nea ɔda abusua ano no nni hɔ a, ɔno na na osi n’anan mu. Afei nso, ne nuanom mu no, ɔno na na onya agyapade mmɔho abien.​—Gen. 43:33; Deut. 21:17; Yos. 17:1.

Nanso, na hokwan a obi wɔ sɛ abakan no tumi kodi obi foforo nsam. Yɛhwɛ Ismael sei a, Abraham pamoo no, na ɛmaa hokwan a ɔwɔ sɛ abakan no kodii Isak nsam. (Gen. 21:14-21; 22:2) Sɛnea yɛahu dedaw no, hokwan a Ruben wɔ sɛ abakan no nso kodii Yosef nsam.

Afei momma yɛnsan nhwɛ Hebrifo 12:16 no bio. Ɛhɔ kan sɛ: “Sɛnea ɛbɛyɛ na obiara anyɛ oguamammɔfo anaa obi a ommu akronkronne te sɛ Esau a ɔde hokwan a ɔwɔ sɛ abakan no sesaa aduan biako pɛ no.” Dɛn na saa asɛm yi kyerɛ?

Ɛha yi, na ɛnyɛ abusua a Mesia no befi mu aba na na ɔsomafo Paulo reka ho asɛm. Bere a ɔka kyerɛɛ Kristofo sɛ ‘wɔmma wɔn anammɔn kwan nyɛ tẽẽ’ no, ankyɛ koraa na ɔkaa asɛm a ɛwɔ Hebrifo 12:16 no. Sɛ wotie a, ‘na Onyankopɔn adom remmɔ wɔn.’ Nanso awerɛhosɛm ne sɛ, sɛ wɔde wɔn ho hyɛ aguamammɔ mu a, na adom no betumi abɔ wɔn. (Heb. 12:12-16) Sɛ wobu saa brabɔne no a, na ɛkyerɛ sɛ wɔresuasua Esau. Esau ‘ammu akronkronne,’ na yɛbɛka a, okodii nneɛma hunu akyi.

Esau tenaa ase wɔ tete agyanom bere so, na ebi mpo a ɛtɔ da a na onya hokwan bɔ afɔre ma n’abusua. (Gen. 8:20, 21; 12:7, 8; Hiob 1:4, 5) Nanso Esau amfa Yehowa adwene ansusuw nneɛma ho, enti ɔde hokwan a ɛte saa nyinaa sesaa asɛdua kyɛnsee mã. Amanehunu a Bible hyɛɛ ho nkɔm sɛ ɛbɛba Abraham asefo so no, ebia na Esau mpɛ sɛ ebi bɛka no. (Gen. 15:13) Esau san yɛɛ biribi a ɛkyerɛ sɛ n’ani gye nneɛma hunu ho, kyerɛ sɛ, na ommu akronkronne. Ɛno nti, ɔkɔwaree abosonsomfo mmea mmienu; wei hyɛɛ n’awofo awerɛhow. (Gen. 26:34, 35) Ná ɔnte sɛ Yakob koraa! Yakob deɛ, ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛware obi a ɔsom nokware Nyankopɔn no.​—Gen. 28:6, 7; 29:10-12, 18.

Besi ha yi, sɛ yɛhwɛ wɔn a na Yesu a ɔyɛ Mesia no bɛfa wɔn so aba no a, dɛn na yebetumi aka? Ɛtɔ da a na onipa a Mesia no bɛfa no so aba no, na ekosi abakan bi so anaa ɛfa no so, nanso ɛnyɛ bere nyinaa na ɛkɔɔ saa. Yudafo no tee ase saa, na wogye toom; saa ara nso na wogye toom sɛ na Kristo bɛfa Yese babarima kumaa koraa Dawid so na aba.​—Mat. 22:42.