Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Dwom 138

Wo Din Ne Yehowa

Wo Din Ne Yehowa

Twe bi:

(Dwom 83:18)

  1. Otumfoɔ Nyankopɔn,

    Wo na wobɔɔ bibiara.

    Obiara bɛkoto wo;

    Wo din ne Yehowa.

    Yɛwɔ anigye sɛ

    Yɛyɛ W’adansefoɔ nnɛ.

    Yɛbɛbɔ wo din no daa;

    Aman nyinaa behu.

    (NNYESOƆ)

    Yehowa, Yehowa,

    Nyame biara nni hɔ,

    Ɔsoro ne asase so.

    Obiara nte sɛ wo.

    Wo nko na woyɛ Otumfoɔ;

    Nnipa nyinaa behu.

    Yehowa, Yehowa,

    Obiara nte sɛ wo, ampa.

  2. Ade biara wopɛ,

    Wotumi ma yɛyɛ daa.

    W’apɛdeɛ nyinaa ba mu;

    Wo din ne Yehowa.

    Yɛyɛ W’adansefoɔ.

    Woadom yɛn ama yɛn din,

    Ɛyɛ akwannya kɛse;

    Wo din no da yɛn so.

    (NNYESOƆ)

    Yehowa, Yehowa,

    Nyame biara nni hɔ,

    Ɔsoro ne asase so.

    Obiara nte sɛ wo.

    Wo nko na woyɛ Otumfoɔ;

    Nnipa nyinaa behu.

    Yehowa, Yehowa,

    Obiara nte sɛ wo, ampa.